Sakaria 10:1-12

10  “Monsrɛ Yehowa na ɔmma osu+ ntɔ wɔ osutɔ bere mu.+ Yehowa na ɔyɛ omununkum+ na ɔno na ɔma osu tɔ ma wɔn,+ na wɔn nyinaa nya mfuw mu nnuan.+  Hwɛ, terafim+ ahoni ka abususɛm, na nkɔmhyɛfo hu atoro anisoade+ na dae a wɔka ho asɛm no yɛ nkontompo, na wɔde nsɛnhunu kyekye nnipa werɛ.+ Eyi nti wɔde wɔn ti bedom te sɛ nguan,+ na ɔhwɛfo+ a wonni nti, wɔn ho bɛkyere wɔn.  “Me bo afuw nguanhwɛfo no denneennen,+ na akannifo a wɔte sɛ mpapo+ no beyi wɔn ano wɔ m’anim,+ efisɛ asafo Yehowa adan n’ani aba ne nguan,+ Yuda fie, so. Na wayɛ wɔn sɛ ɔpɔnkɔ+ nuonyamfo a ɔde no kɔ ɔko.  Ne mu na otitiriw+ ne otumfoɔ kyigyinafo+ ne akodi mu agyan befi aba,+ na ne mu na ɔhwɛfo+ biara befi adi aba; wɔn nyinaa befi ne mu aba.  Wɔbɛyɛ te sɛ nnɔmmarima+ a wotiatia abɔnten so atɛkyɛ mu wɔ ɔko mu.+ Wɔbɛko efisɛ Yehowa ka wɔn ho;+ na apɔnkɔsotefo ani bewu.+  Mɛma Yuda fie ayɛ den na magye Yosef fie.+ Mehu wɔn mmɔbɔ+ ama wɔn baabi atena, na wɔbɛyɛ sɛ nnipa a mentow wɔn nkyenee da,+ efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.+  Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima,+ na wɔn koma bedi ahurusi te sɛ nea wɔanom nsã.+ Wɔn mma nso behu na wɔadi ahurusi,+ na wɔn koma ani begye wɔ Yehowa mu.+  “‘Mɛbɔ hwirema+ afrɛ wɔn aboa wɔn ano, na megye+ wɔn ama wɔn ase atrɛw te sɛ wɔn a wɔn ase trɛwee+ no.  Na mɛpete wɔn te sɛ aba agu aman horow so,+ na wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri.+ Afei wɔne wɔn mma begyina wɔn nan so bio na wɔasan aba.+ 10  Mede wɔn befi Egypt+ asase so aba, na mɛboaboa wɔn ano+ afi Asiria de wɔn aba Gilead+ ne Lebanon asase so, na ɛno mpo wɔrennya baabi a ɛbɛsõ wɔn.+ 11  Na ɔde ahohia bɛfa po no mu,+ na po mu na ɔbɛbɔ asorɔkye,+ na Nil bɛyow akodu ase tɔnn.+ Afei Asiria ahantan bɛbrɛ ase+ na Egypt ahempoma+ akɔ.+ 12  Na mɛma wɔayɛ den wɔ Yehowa mu+ na wɔanantew ne din mu,’+ Yehowa asɛm ni.”

Ase Hɔ Nsɛm