Sakaria 11:1-17

11  “O Lebanon,+ bue w’apon na ogya nhyew wo nkyeneduru.+  O ɔpopaw dua, twa adwo, efisɛ kyeneduru ahwe ase, na akunini asɛe!+ Basan nnupɔn, muntwa adwo, efisɛ kwaeberentuw ahwe fam!+  Muntie! Nguanhwɛfo retwa adwo,+ efisɛ wɔn anuonyam asɛe.+ Muntie! Agyata bobom, efisɛ Yordan adɔtɔ, n’ahohoahoade no, asɛe.+  “Nea Yehowa me Nyankopɔn aka ni, ‘Hwɛ nguan a wɔrebekum wɔn no so,+  na wɔn a wɔtɔ wɔn no kum+ wɔn, nanso wɔfa wɔn ho di.+ Na wɔn a wɔtɔn+ wɔn no ka sɛ: “Nhyira nka Yehowa, efisɛ menya me ho.”+ Na wɔn ahwɛfo nhu wɔn mmɔbɔ.’+  “‘Afei merenhu asase no sofo mmɔbɔ+ bio. Na mede ɔdesani bɛhyɛ ne yɔnko nsa,+ ne ne hene nsa.+ Na wɔbɛsɛe asase no pasaa, na merennye obiara mfi wɔn nsam,’+ Yehowa asɛm ni.”  Na mehwɛɛ nguan+ a wɔrebekum wɔn+ no so, O nguan a mo asɛm yɛ mmɔbɔ,+ mehwɛɛ mo so. Na mefaa poma+ abien. Metoo biako din Anisɔ,+ na metoo nea aka no din Nkabom,+ na mehwɛɛ nguan no so.  Afei miyii nguanhwɛfo baasa fii hɔ wɔ ɔsram biako mu,+ efisɛ me kra annya wɔn ho koma bio.+ Na me nso me ho yɛɛ wɔn kra abofono.  Afei mekae sɛ: “Merenhwɛ mo so bio.+ Nea ɔrewu no nwu. Na nea ɔresɛe no nsɛe.+ Na wɔn a wɔaka no, obiara nwe ne yɔnko nam.”+ 10  Enti mefaa me poma a ɛde Anisɔ+ no twitwaa mu;+ meyɛɛ saa de twaa apam a me ne ɔman no nyinaa ayɛ no mu.+ 11  Afei emu twae saa da no, na bere a nguan a wɔayɛ mmɔbɔ+ no huu+ nea mereyɛ no, wohui sɛ ɛyɛ Yehowa asɛm. 12  Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ eye wɔ mo ani so a,+ momfa m’akatua mma me, na sɛ ɛnte saa a, munnyae.” Enti wɔde nnwetɛbona aduasa+ tuaa me ka. 13  Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Tow gu akorae hɔ+​—anuonyam bo a wɔatwa ato me so no.”+ Enti metow nnwetɛbona aduasa no guu Yehowa fie akorae hɔ.+ 14  Afei mitwitwaa me poma a ɛto so abien a ɛde Nkabom+ no mu de sɛee Yuda ne Israel+ ntam onuayɛ no.+ 15  Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: “San fa oguanhwɛfo a ne so nni mfaso+ no adwinnade no. 16  Na mɛma oguanhwɛfo bi aba asase no so.+ Na nguan a wɔresɛe no, ɔrenhwɛ wɔn.+ Nguan nkumaa no, ɔrenhwehwɛ wɔn; na wɔn a wɔapirapira no, ɔrensa wɔn yare.+ Wɔn a wogyina wɔn nan so no, ɔremma wɔn aduan; na wɔn a wɔadɔ srade no, ɔbɛwe+ wɔn nam na wapaapae wɔn ntɔte mu.+ 17  Me guanhwɛfo hunu+ a wagyaw nguan no+ nnue! Nkrante bɛba ne basa ne n’aniwa nifa so. Ne basa bewu+ na n’aniwa nifa ayɛ kusuu.”

Ase Hɔ Nsɛm