Sakaria 12:1-14

12  Atemmusɛm: “Yehowa asɛm a ɛfa Israel ho ni.” Nea Yehowa a ɔtrɛw ɔsoro mu+ na ɔtoo asase fapem+ na ɔyɛɛ honhom+ wɔ onipa mu no aka ni.  “Mɛma Yerusalem+ ayɛ kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ahyia nyinaa atɔ ntintan,+ na ɔbɛka Yuda ne Yerusalem ahyɛ mu.+  Ɛda no,+ mɛma Yerusalem ayɛ ɔbo+ duruduru ama aman nyinaa. Na wɔn a wɔbɛma so nyinaa ho bɛworɔw, na asase so aman nyinaa bɛboaboa wɔn ano asɔre atia no.”+  Nea Yehowa aka ni: “Saa da no,+ mɛma ehu aka apɔnkɔ+ nyinaa na ɛsotefo abobɔ adam,+ na mebue m’aniwa+ wɔ Yuda fie so, na mɛma amanaman apɔnkɔ nyinaa ani afurafura.  Na Yuda abusua mpanyimfo+ bɛka wɔ wɔn komam sɛ, ‘Yerusalemfo ne m’ahoɔden a efi asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn hɔ.’+  Ɛda no, mɛma Yuda abusua mpanyimfo ayɛ sɛ ogya kuku wɔ nnua ntam+ ne gyatɛn wɔ aba a wɔatwa agu hɔ akuwakuw mu,+ na ɛbɛhyew nnipa a wɔwɔ nifa ne benkum nyinaa ahyia,+ na Yerusalem bɛtena ne tenabea, Yerusalem ara.+  “Na Yehowa bedi kan agye Yuda ntamadan, na Dawid fie anuonyam ne Yerusalemfo anuonyam anyɛ kɛse ansen Yuda.  Saa da no, Yehowa bɛbɔ Yerusalemfo ho ban,+ na wɔn mu nea wayɛ mmerɛw no ayɛ sɛ Dawid,+ na Dawid fie ayɛ sɛ Onyame,+ te sɛ Yehowa bɔfo a odi wɔn anim no.+  Na da no, mede m’ani besi aman a wɔreba Yerusalem so nyinaa so na masɛe wɔn.+ 10  “Na mehwie adom+ ne nkotɔsrɛ+ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfo so, na sɛ wɔhwɛ Nea wɔde ade wɔɔ no+ no a, wobesu no yayaayaw te sɛ nea wosu Obi a wodi no bakoro, na wobetwa no so adwo yayaayaw sɛnea wotwa abakan so adwo no.+ 11  Saa da no, wobesu osu kɛse wɔ Yerusalem te sɛ nea wosui wɔ Hadadrimon wɔ Megido+ asasetaw so no. 12  Asase mũ no nyinaa besu,+ abusua abusua. Dawid fie abusua besu na wɔn mmea asu;+ Natan+ fie abusua besu na wɔn mmea asu; 13  Lewi+ fie abusua besu na wɔn mmea asu; Simeifo+ abusua besu na wɔn mmea asu; 14  mmusua a aka nyinaa besu na wɔn mmea asu.+

Ase Hɔ Nsɛm