Sakaria 13:1-9

13  “Saa da no,+ wobetu abura+ bi ama Dawid fie ne Yerusalemfo na wɔde adwira wɔn ho afi bɔne+ ne abofonode+ nyinaa ho.  “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni, “metwa ahoni din afi asase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na meyi adiyifo+ ne honhom fĩ nyinaa nso afi asase no so.+  Na sɛ ɔbarima bi hyɛ nkɔm bio a, ne papa ne ne maame a wɔwoo no nka nkyerɛ no sɛ, ‘Wubewu efisɛ wode Yehowa din aka atosɛm.’ Nkɔm a wahyɛ nti, ne papa ne ne maame a wɔwoo no mfa ade nhwirew ne mu.+  “Saa da no, adiyifo no ani bewu+ wɔn anisoadehu ne wɔn nkɔmhyɛ ho. Na wɔrenhyɛ nhwi+ atade mfa nnaadaa nnipa bio.  Na ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ obi a ɔdɔw, na ɔdesani atɔ me fi me mmofraase.’  Na obi bebisa no sɛ, ‘Wo nsa ho akuru yi nso ɛ?’ Na obebua sɛ, ‘M’adɔfo fie na wopiraa me saa.’”  “O nkrante, sɔre bra me guanhwɛfo+ no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko+ so,” asafo Yehowa asɛm ni. “Bɔ oguanhwɛfo no+ na nguan no mmɔ nhwete,+ na mɛdan me nsa aba nkumaa+ no so.”  Nea asafo Yehowa aka ni: “Saa bere no wobetwa asase no sofo nkyem abiɛsa mu abien afi so ma wɔawuwu,+ na ɛbɛka nkyem abiɛsa mu biako.+  Na mede biako a aka no bɛfa ogya mu;+ na mɛnan wɔn ayiyi wɔn mu fĩ te sɛ nea wɔnan dwetɛ yiyi mu fĩ no,+ na mɛsɔ wɔn ahwɛ sɛnea wɔsɔ sika kɔkɔɔ hwɛ no.+ Na wɔbɛbɔ me din na me nso magye wɔn so.+ Na mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me man’+ na wɔn nso aka sɛ, ‘Yehowa ne yɛn Nyankopɔn.’”+

Ase Hɔ Nsɛm