Sakaria 14:1-21

14  “Hwɛ, da bi reba, Yehowa da,+ na wɔbɛkyɛ w’asade wɔ wo mu.  Na mɛboaboa amanaman nyinaa ano ma wɔne Yerusalem abɛko,+ na wɔbɛfa kurow no+ afow emu adan na wɔato mmea mmonnaa.+ Na kurow no fã bɛkɔ nkoasom+ mu, na wɔn a wɔbɛka no de,+ wɔrentwa wɔn mfi kurow no mu.+  “Na Yehowa befi adi ne aman no akɔko+ sɛnea ɔkoe ne koda no.+  Saa da no, ne nan besi ngodua bepɔw a esi Yerusalem anim wɔ apuei fam no so,+ na ngodua bepɔw+ no mu bɛpae+ abien afi owiapuei akosi atɔe. Na bon kɛse bɛda hɔ, na bepɔw no fã bɛtwe akɔ atifi fam na ɔfã akɔ anafo fam.  Na mubeguan akɔ me mmepɔw bon mu,+ efisɛ mmepɔw bon no bɛkɔ akodu Asel tɔnn. Na mubeguan sɛnea muguanee asasewosow a esii wɔ Yuda hene Usia+ bere so no. Na Yehowa me Nyankopɔn bɛba+ a akronkronfo nyinaa ka ne ho.+  “Saa da no, hann biara remma,+ na awɔw bɛma nneɛma akyenkyen.+  Na wobebu saa da no sɛ Yehowa da.+ Adekyee nni hɔ na adesae nni hɔ;+ na anwummere mpo bɛyɛ hann.+  Ɛda no, nkwa nsu+ bɛtene afi Yerusalem,+ ɔfã bɛkɔ apuei po+ mu na ɔfã akɔ atɔe po+ mu. Ɛbɛba wɔ ahohuru ne awɔw bere mu.+  Na Yehowa bedi hene wɔ asase nyinaa so.+ Saa da no, Yehowa bɛyɛ biako+ na ne din ayɛ biako.+ 10  “Asase no nyinaa bɛdan ayɛ sɛ Araba,+ fi Geba+ kosi Rimon+ akɔpem Yerusalem anafo fam; na ɔbɛsɔre na nnipa bɛba abɛtena ne mu,+ fi Benyamin Pon+ no ano kosi Kan Pon no ano tɔnn, na ɛbɛkɔ akosi Twea Pon no ano, na ebefi Hananel Abantenten+ no ho akosi ɔhene nsã-kyi-amoa no ho. 11  Nnipa bɛba abɛtena mu, na abusude biara remma hɔ bio;+ wɔbɛtena Yerusalem dwoodwoo.+ 12  “Eyi ne ɔhaw a Yehowa de bɛba aman a wɔbɛko atia Yerusalem no so:+ Wɔn honam bɛporɔw, bere a wɔda so gyina wɔn nan so;+ na wɔn ani bɛporɔw wɔ wɔn anipun mu, na wɔn tɛkrɛma aporɔw wɔ wɔn anom. 13  “Na saa da no, Yehowa bɛma wɔn nyinaa ho ayeraw wɔn;+ na wobesuso wɔn nsam, na obiara bɛma ne nsa so ahyɛ ne yɔnko nsa. 14  Na Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem, na wɔbɛboaboa aman a atwa ho ahyia nyinaa ahode ano, sika ne dwetɛ ne ntade bebree.+ 15  “Na ɔpɔnkɔ ne afurumpɔnkɔ ne yoma ne afurum ne afieboa biara a ɛwɔ asoɛe hɔ behyia ɔhaw yi bi. 16  “Na afe biara,+ aman a wɔbɛsɔre atia Yerusalem+ no mu nkaefo bɛkɔ akɔkotow Ɔhene no,+ asafo Yehowa,+ na wɔadi asese afahyɛ no.+ 17  Na asase so mmusua+ nyinaa mu, nea wankɔ+ Yerusalem ankɔkotow asafo Yehowa, Ɔhene no, osu rentɔ+ mma no. 18  Na sɛ Egypt abusua nso ankɔ a, osu rentɔ mma wɔn. Na ɔhaw a Yehowa de bɛba aman a wɔankodi asese afahyɛ no so no bi bɛba wɔn so. 19  Eyi na ɛbɛyɛ Egypt ne aman a wɔankodi asese afahyɛ no nyinaa bɔne so asotwe.+ 20  “Saa da no, wɔbɛkyerɛw+ wɔ ɔpɔnkɔ dɔn so sɛ, ‘Kronkron ne Yehowa!’+ Na Yehowa fie nkuku+ bɛyɛ sɛ afɔremuka+ anim nyowa.+ 21  Na kuku biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda no bɛyɛ kronkron ama asafo Yehowa, na wɔn a wɔbɛbɔ afɔre no nyinaa bɛba abɛfa bi anoa mu.+ Na saa da no wɔrenhu Kanaanni+ biara wɔ asafo Yehowa fie.”+

Ase Hɔ Nsɛm