Sakaria 2:1-13

2  Na memaa m’ani so hwɛe, na mihuu ɔbarima bi a okura susuhama.+  Enti mibisaa no sɛ: “Ɛhe na worekɔ?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Merekosusuw Yerusalem ahwɛ ne tɛtrɛtɛ ne ne ntwemu.”+  Afei mihui sɛ ɔbɔfo a ɔne me kasae no rekɔ, na ɔbɔfo foforo kohyiaa no.  Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tu mmirika kɔka kyerɛ aberante yi sɛ, ‘“Nnipa bɛtena Yerusalem te sɛ akuraa bi a ɔfasu nni ho,+ nnipa ne mmoa bebree a wɔwɔ hɔ nti.+  Na mɛyɛ me ho ogya fasu atwa ho ahyia,+ na mɛma m’anuonyam ahyɛ hɔ mã,”+ Yehowa asɛm ni.’”  “Monyɛ ntɛm! Monyɛ ntɛm! Hwɛ, munguan mfi atifi asase so,”+ Yehowa asɛm ni. “Mabɔ mo ahwete kɔ baabi a ɔsoro mframa anan no ani kyerɛ,”+ Yehowa asɛm ni.  “Hwɛ, Sion,+ yɛ ntɛm! Wo a wo ne Babilon babea te, guan.+  Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Bere a wɔhyɛɛ no anuonyam wiei no,+ ɔsomaa me kɔɔ amanaman a wɔfow mo no nkyɛn.+ Na nea ɔde ne nsa ka mo no,+ ɔde ne nsa aka m’aniwa kesua.+  Menyam me nsa atia wɔn,+ na wɔn nkoa bɛfa wɔn sɛ asade.’+ Na mubehu ampa sɛ asafo Yehowa ankasa na wasoma me.+ 10  “Hwɛ, Sion babea, bɔ ose na w’ani nnye,+ efisɛ mereba+ abɛtena wo mfinimfini,”+ Yehowa asɛm ni. 11  “Saa da no, aman pii de wɔn ho bɛbata Yehowa+ ho na wɔayɛ me man;+ na mɛtena wo mfinimfini.” Na wubehu sɛ asafo Yehowa na wasoma me aba wo nkyɛn.+ 12  Afei Yehowa bɛfa Yuda sɛ ne kyɛfa wɔ asase kronkron no so,+ na ɔbɛsan apaw Yerusalem.+ 13  Ɔhonam nyinaa nyɛ komm wɔ Yehowa anim,+ efisɛ ofi ne tenabea kronkron+ hɔ akanyan ne ho.+

Ase Hɔ Nsɛm