Sakaria 3:1-10

3  Na ɔma mihuu ɔsɔfo panyin Yosua+ sɛ ogyina Yehowa bɔfo anim, na Satan+ nso gyina Yosua nsa nifa so sɛ ɔne no rebedi asi.+  Ɛnna Yehowa bɔfo+ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Yehowa nka w’anim,+ Satan; Yehowa a wapaw Yerusalem+ no nka w’anim! So oyi nyɛ dua a wɔahwim afi ogya mu?”+  Saa bere no na Yosua hyɛ atade fĩ+ gyina ɔbɔfo no anim.  Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyina n’anim no sɛ: “Munyi atade fĩ no mfi ne ho.” Na ɔtoaa so sɛ: “Hwɛ, mayi wo bɔne afi wo so,+ na wɔde adehyetade bɛhyɛ wo.”+  Ɛnna mekae sɛ: “Wɔmfa abotiten a ɛho tew nhyɛ no.”+ Na wɔde abotiten a ɛho tew hyɛɛ no, na wɔhyɛɛ no atade; saa bere no na Yehowa bɔfo no gyina hɔ.  Na Yehowa bɔfo no dii Yosua adanse sɛ:  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Sɛ wonantew m’akwan so, na wudi m’ahyɛde so a,+ ɛnde wo na wubebu me fie atɛn+ na woahwɛ m’adiwo so; na mɛma wo baabi wɔ wɔn a wogyinagyina hɔ yi mu.’  “‘O ɔsɔfo panyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no ntie, na wɔyɛ nsɛnkyerɛnne.+ Hwɛ, mede m’akoa+ a ne din de Mfefɛwee+ reba!  Na hwɛ ɔbo+ a mede ato Yosua anim! Aniwa+ ason wɔ ɔbo biako no so. Na mekurukyerɛw so,+ na meyi asase no bɔne afi hɔ da koro.’+ Asafo Yehowa asɛm ni. 10  “‘Na saa da no, bere a motete bobe ne borɔdɔma dua ase no, mobɛfrɛfrɛ mo ho.’ Asafo Yehowa asɛm ni.”+

Ase Hɔ Nsɛm