Sakaria 4:1-14

4  Na ɔbɔfo a ɔne me kasae no san bae, na onyan me te sɛ obi a wɔanyan no afi nna mu.+  Na obisaa me sɛ: “Dɛn na wuhu?”+ Na mekae sɛ: “Mihu kaneadua bi, na ne nyinaa yɛ sika,+ na kuruwa si so. Na akanea ason sisi so;+ na akanea a esisi so no wɔ adorobɛn ason.  Na ngodua abien sisi ho,+ biako wɔ kuruwa no nifa na biako nso wɔ benkum.”  Afei mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: “Me wura, eyinom nyinaa kyerɛ dɛn?”+  Na ɔbɔfo a ɔne me kasae no nso bisaa me sɛ: “Enti ampa ara wunnim nea eyinom nyinaa kyerɛ?” Ɛnna mibuae sɛ: “Minnim, me wura.”+  Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Serubabel ni, ‘“Ɛnyɛ asraafodɔm so,+ na ɛnyɛ tumi so,+ na mmom me honhom so,”+ asafo Yehowa na waka.  O bepɔw kɛse,+ woyɛ hena? Wobɛdan asase tamaa wɔ Serubabel+ anim. Na ɔde atifi bo no bɛba.+ Na wɔbɛteɛm+ agu so sɛ: “Hwɛ anuonyam! Hwɛ anuonyam!”’”+  Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:  “Serubabel ankasa nsa na ɛtoo fie yi fapem,+ na ɔno ankasa nsa na ebewie.+ Na wubehu sɛ asafo Yehowa ankasa na asoma me mo nkyɛn.+ 10  Hena na obu nneɛma nketewa da no animtiaa?+ Wobedi ahurusi,+ na wobehu prumo wɔ Serubabel nsam. Ason yi yɛ Yehowa aniwa+ a ekyin fa asase nyinaa so.”+ 11  Na mibisaa no sɛ: “Ngodua abien a esisi kaneadua no nifa ne ne benkum yi kyerɛ dɛn?”+ 12  Ɛnna mibisae ne mprenu so sɛ: “Ngodua mmãã abien a ehwie sika nsu fa sika adorobɛn abien mu no yɛ dɛn?” 13  Na obisaa me sɛ: “Enti ampa ara wunnim nea eyinom kyerɛ?” Ɛnna mibuae sɛ: “Minnim, me wura.”+ 14  Enti ɔkae sɛ: “Eyinom ne nnipa baanu a wɔasra wɔn+ a wogyina asase nyinaa wura no nkyɛn no.”+

Ase Hɔ Nsɛm