Sakaria 5:1-11

5  Afei memaa m’ani so hwɛe bio, na mihuu nhoma mmobɔwee bi a atu nam wim.+  Enti obisaa me sɛ: “Dɛn na wuhu?”+ Ɛnna mekae sɛ: “Mihu nhoma mmobɔwee bi a atu nam wim. Na ne ntwemu yɛ basafa aduonu na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa du.”  Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne nnome a afi adi kɔ asase nyinaa so,+ efisɛ obiara a ɔbɔ korɔn,+ sɛnea wɔaka wɔ nnome a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no fã biako mu no, afa ne ho adi. Na obiara a ɔka ntam nso,+ sɛnea wɔaka wɔ nnome a ɛwɔ ɔfã foforo mu no,+ afa ne ho adi.  ‘Me na mama afi adi, na ɛbɛkɔ ɔkorɔmfo ne nea ɔde me din ka ntanhunu no fie;+ na ɛbɛtena hɔ na asɛe fie no, emu nnua ne abo nyinaa,’+ Asafo Yehowa asɛm ni.”  Na ɔbɔfo a ɔne me kasae no ka kyerɛɛ me sɛ: “Mesrɛ wo ma w’ani so hwɛ nea afi adi rekɔ yi.”  Ɛnna mibisae sɛ: “Ɛyɛ dɛn?” Na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ efa susude na afi adi rekɔ.” Na ɔtoaa so sɛ: “Eyi ne wɔn hwɛbea wɔ asase nyinaa so.”  Na woyii mmuaso kurukuruwa a wɔde sumpii ayɛ no, na mihui sɛ ɔbea bi te efa susude no mu.  Enti ɔkae sɛ: “Eyi yɛ Amumɔyɛ.” Na opiaa no san hyɛɛ efa susude no mu,+ na ɔtow sumpii bo kataa ano.  Afei memaa m’ani so hwɛe, na mihuu mmea baanu bi sɛ wɔreba a mframa wɔ wɔn ntaban mu. Na wɔn ntaban te sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔmaa efa susude no so faa asase ne ɔsoro ntam. 10  Enti mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: “Ɛhe na wɔde efa susude no rekɔ?” 11  Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔde besi fie+ ama no wɔ Sinar+ asase so, na ebegyina na wɔde no akɔto ne tenabea hɔ.”

Ase Hɔ Nsɛm