Sakaria 6:1-15

6  Afei memaa m’ani so hwɛe bio, na mihui sɛ nteaseɛnam anan fi mmepɔw abien ntam reba, na mmepɔw no yɛ kɔbere mmepɔw.  Teaseɛnam a edi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho;+ na teaseɛnam a ɛto so abien no, apɔnkɔ tuntum na ɛwɔ ho.+  Teaseɛnam a ɛto so abiɛsa no, apɔnkɔ fitaa na ɛwɔ ho;+ na teaseɛnam a ɛto so anan no, apɔnkɔ a wɔn ho yɛ adamadam, nworanworan,+ na ɛwɔ ho.  Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: “Me wura, eyinom nso ɛ?”+  Ɛnna ɔbɔfo no buae sɛ: “Eyinom yɛ ɔsoro ahonhom+ anan a wɔabegyinagyina asase nyinaa+ Wura no anim+ na afei wɔafi adi rekɔ no.+  Nea apɔnkɔ tuntum wɔ ho no rekɔ atifi fam asase so,+ fitaa no bɛkɔ po agya, na adamadam no bɛkɔ anafo fam.+  Na nworanworan+ no befi adi akɔhwehwɛ baabi a wɔbɛkɔ, na wobekyinkyin asase so.”+ Na ɔkae sɛ: “Munkokyin mfa asase so.” Na wokyin faa asase so.  Na ɔteɛɛm ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam asase so no ama Yehowa honhom+ ahome wɔ atifi+ fam asase so.”  Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: 10  “Gye biribi fi nnommum no hɔ,+ Heldai ne Tobiya ne Yedaia nkyɛn; na saa da no, wo ne wɔn a wofi Babilon aba no mmra Sefania+ ba Yosia fie. 11  Fa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ yɛ ahenkyɛw+ fa hyɛ Yehosadak ba Yosua,+ ɔsɔfo panyin, no ti. 12  Na ka kyerɛ no sɛ, “‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Oyi ne ɔbarima+ a ne din de Mfefɛwee+ no. Na ɔbɛfefɛw wɔ ne tenabea, na obesi Yehowa asɔrefie+ no. 13  Ɔno na obesi Yehowa asɔrefie na wasoa anuonyam+ no; na ɔbɛtena n’agua so adi hene na wadi sɔfo wɔ n’agua so,+ na baanu no betu asomdwoe+ agyina. 14  Na ahenkyɛw no bɛyɛ nkae ade+ wɔ Yehowa asɔrefie hɔ ama Helem ne Tobiya ne Yedaia+ ne Sefania ba Hen. 15  Na nnipa a wofi akyirikyiri bɛba abesi Yehowa asɔrefie no bi.”+ Na mubehu sɛ asafo Yehowa na asoma me mo nkyɛn.+ Sɛ mutie Yehowa mo Nyankopɔn a, eyinom nyinaa bɛba mu.’”+

Ase Hɔ Nsɛm