Sakaria 7:1-14

7  Na ɔhene Dario+ afe a ɛto so anan, ɔsram a ɛto so akron a ɛne Kislew+ no da a ɛto so anan no, Yehowa ne Sakaria kasae.  Na Betel somaa Sareser ne Regem-Melek ne ne mmarima sɛ wɔmfa nkotɔsrɛ+ nkɔ Yehowa anim,  na wommisa asafo Yehowa fie asɔfo+ ne adiyifo no sɛ: “Minsu ɔsram a ɛto so anum+ no mu na mintua me ho nneɛma, sɛnea mayɛ mfe pii yi anaa?”+  Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ:  “Ka kyerɛ asase no sofo ne asɔfo nyinaa sɛ, ‘Bere a mudii mmuada+ na musui wɔ ɔsram a ɛto so anum ne nea ɛto so ason+ no mu mfe aduɔson+ no, mudii mmuada yi maa me anaa?+  Na bere a mudidi nomee no, ɛnyɛ mo ara na mudidi nomee?  Ɛnyɛ asɛm a Yehowa nam tete adiyifo+ so de too gua no na ɛsɛ sɛ mutie,+ bere a na nnipa tete Yerusalem, na ɛhɔ dwo, na ne nkurow atwa ho ahyia, na nkurɔfo wɔ Negeb+ ne Sefela+ no anaa?’”  Na Yehowa ka kyerɛɛ Sakaria bio sɛ:  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Momfa nokware mmu atɛn,+ na obiara ne ne yɔnko nni wɔ adɔe+ ne mmɔborɔhunu+ so. 10  Na monhwɛ na obiara ansisi okunafo+ anaa agyanka,+ ɔhɔho+ anaa nea ahia no,+ na mommmɔ mo nua ho pɔw bɔne wɔ mo komam.’+ 11  Nanso wɔantie,+ na wosen wɔn kɔn*+ buu nnua guu wɔn asom.+ 12  Na wɔmaa wɔn koma+ yɛɛ denneennen sɛ ɔbo, na wɔantie mmara+ ne asɛm a asafo Yehowa nam ne honhom+ so de maa tete adiyifo+ no. Enti asafo Yehowa ani beree wɔn so denneennen.”+ 13  “‘Na esiane sɛ mefrɛe na wɔantie+ nti, wɔn nso wɔbɛfrɛ na merentie,’+ asafo Yehowa asɛm ni. 14  ‘Na mebae sɛ ahum betuu wɔn kɔɔ aman+ a wonnim so+ nyinaa so; na asase no dan amamfõ; obi nkɔ, na obi mma.+ Na wɔmaa asase fɛfɛ+ no dan ahodwiriwde.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne, “wosen wɔn mmati.”