Sakaria 8:1-23

8  Na asafo Yehowa toaa so kae sɛ:  “Nea asafo Yehowa+ aka ni, ‘Mede anibere kɛse bɛtwe Sion ho ninkunu;+ mede abufuw+ kɛse bɛtwe ne ho ninkunu.’”  “Nea Yehowa aka ni, ‘Mɛsan aba Sion+ na matena Yerusalem;+ na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ nokware kurow,+ na wɔafrɛ asafo Yehowa bepɔw+ no bepɔw kronkron.’”+  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Nkwakoraa ne mmerewa bɛkɔ so atenatena Yerusalem mmɔnten so+ a onyinkyɛ nti wɔn mu biara kura ne poma.+  Na mmarimaa ne mmeawa bɛhyɛ kurow no mmɔnten so mã adi agoru.’”+  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Sɛ ɛbɛyɛ den wɔ nnipa a aka no ani so saa bere no a, me nso ɛbɛyɛ den wɔ m’ani so anaa?’+ Asafo Yehowa asɛm ni.”  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, megye me man afi owiapuei ne owiatɔe asase so.+  Na mede wɔn bɛba abɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛyɛ me man+ na mayɛ wɔn Nyankopɔn, nokware ne trenee mu.’”+  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Monyere mo nsam denneennen,+ mo a nna yi moate nsɛm yi afi adiyifo+ no anom, da a wɔtoo asafo Yehowa fie fapem sɛ wɔresi asɔrefie no.+ 10  Ansa na saa bere no reba no, na akatua biara nni hɔ mma adesamma,+ na na akatua biara nni hɔ mma mmoa nso; na ɔtamfo nti, na nea ɔrekɔ ne nea ɔreba nni asomdwoe,+ na memaa nnipa nyinaa ne wɔn ho dii asi.’+ 11  “‘Afei merenyɛ nnipa a aka yi sɛnea meyɛe kan no bio,’+ asafo Yehowa asɛm ni. 12  ‘Wobedua asomdwoe aba+ na bobe asow n’aba,+ na asase bɛma ne nnɔbae+ na ɔsoro ama ne bosu.+ Na mede eyinom+ nyinaa bɛma nnipa a aka no.+ 13  O Yuda ne Israel fie,+ sɛnea moyɛɛ nnome wɔ amanaman mu no,+ saa ara na me nso megye mo na moabɛyɛ nhyira.+ Munnsuro,+ na mmom monyere mo nsam denneennen.’+ 14  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘“Sɛnea mo agyanom hyɛɛ me abufuw na meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ mo bɔne+ na mannu me ho no,”+ asafo Yehowa asɛm ni, 15  “saa ara na saa bere yi nso mayɛ m’adwene sɛ me ne Yerusalem ne Yuda fie bedi no yiye.+ Enti munnsuro.”’+ 16  “‘Nea monyɛ ni:+ Obiara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.+ Na momfa nokware ne asomdwoe mmu atɛn wɔ mo kurow apon ano.+ 17  Mommmɔ mo yɔnko ho pɔw bɔne wɔ mo komam,+ na mommma mo ani nnnye ntanhunu+ ho, efisɛ metan eyinom nyinaa,’+ Yehowa asɛm ni.” 18  Na asafo Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 19  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Mmuada a wodi no ɔsram a ɛto so anan,+ ɔsram a ɛto so anum,+ ɔsram a ɛto so ason,+ ne ɔsram a ɛto so du+ mu nyinaa bɛyɛ ahurusidi ne anigye bere ne afahyɛ pa ama Yuda fie.+ Enti monnɔ nokware ne asomdwoe.’+ 20  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Aman ne nkurow pii mufo bɛba;+ 21  na kurow biako mu nnipa bɛkɔ kurow foforo mu akɔka sɛ: “Momma yɛnkɔ+ nkɔkotow nsrɛ+ Yehowa na yɛnhwehwɛ asafo Yehowa akyi kwan. Me nso mɛkɔ.”+ 22  Na amanaman mu nnipa ne aman akɛse bɛba abɛhwehwɛ asafo Yehowa akyi kwan wɔ Yerusalem+ na wɔakotow asrɛ Yehowa.’ 23  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Saa bere no, nnipa du a wɔka amanaman+ no kasa horow nyinaa bɛba abesuso+ Yudani+ biako atade mu aka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ,+ na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm