Solomon Dwom 1:1-17

1  Nnwom mu dwom,+ Solomon dwom:+  “Ma ɔmfa n’ano mfewano mmefew m’ano.+ Hwɛ, wo dɔ yɛ dɛ sen bobesa.+  Wo ngo+ yɛ huam papaapa, na wo din te sɛ ngohuam a wɔrehwie.+ Ɛno nti na mmabaa dɔ wo no.  Twe me di w’akyi+ na yentu mmirika. Ɔhene de me aba ne mpia mu!+ Ma yɛn ani nnye na yenni ahurusi. Ma yɛnka wo dɔ ho asɛm nsen bobesa.+ Ɛno nti na wɔdɔ wo saa no.+  “Yerusalem mmabea,+ meyɛ ɔbea tuntum, nanso me ho yɛ fɛ, te sɛ Kedar+ ntamadan ne Solomon ntwamutam.+  Monnhwɛ me sɛ mibiri nti, sɛ owia ahye me nti. M’ankasa me maame mmabarima mpo bo fuw me. Wɔma mehwɛɛ bobeturo so, na m’ankasa me bobeturo+ de, manhwɛ so.  “Me kra dɔfo,+ kyerɛ me faako a wohwɛ wo nguan+ na woma wɔhome awiabere. Adɛn nti na minkyinkyin wo mfɛfo nguan mu te sɛ ɔbea a ofura awerɛhow?”  “Mmea mu ɔhoɔfɛfo,+ sɛ wunnim hɔ a, kodi nguan no anammɔn akyi na wo mmirekyi mma nnidi wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho.”  “Me komam hemmaa,+ m’ani so de, wote sɛ ɔpɔnkɔbere wɔ Farao teaseɛnam ho.+ 10  W’afono yɛ fɛ wɔ mmɛsa mu, na wo kɔn ho twa wɔ ahene mu.+ 11  Yɛde sika kɔkɔɔ bɛyɛ abotiri ama wo+ na yɛde dwetɛ nso ayɛ agude.” 12  “Bere a ɔhene te ne pon ho yi, me nerdo*+ sradehuam afi ase reyi hua.+ 13  Mihu me dɔfo sɛ kurobow+ kotoku mã; me nufu+ ntam na ɔbɛda anadwo yi. 14  Mihu me dɔfo sɛ lele*+ nhwiren wɔ En-Gedi+ bobeturo mu.” 15  “Hwɛ, me komam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!+ Mise, wo ho yɛ fɛ! W’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa.”+ 16  “Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ,+ na wo ho nso twa. Yɛn mpa+ nso yɛ ahaban momono frɔmfrɔm. 17  Yɛn dan so nnua yɛ kyeneduru,+ na yɛn mpuran yɛ ɔpopaw.

Ase Hɔ Nsɛm

Aduhuam bi.
Aduru bi a wɔde hyɛ nsa ne nan ne nneɛma foforo ma ɛyɛ kɔɔ.