Solomon Dwom 2:1-17

2  “Me de, meyɛ nhwiren+ a misi mpoano tataw+ so, sukooko a misi bon mu.”+  “Sɛnea sukooko te wɔ nsɔe mu no, saa ara na me komam hemmaa te wɔ mmabaa mu.”+  “Sɛnea aprɛ+ te wɔ kwaem nnua mu no, saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu.+ Ne nwini ase na m’ani gyina, na ɛhɔ na metenae. Na n’aba yɛ me dodom dɛ.  Ɔde me aba nsã dan mu,+ na ohim ne dɔ+ wɔ me so sɛ frankaa.+  Momfa bobe tetare+ nnwudwo me koma, na momfa aprɛ nwowaw me, efisɛ ne dɔ ho anigyina abɔ me yare.+  Ne nsa benkum hyɛ me ti ase, na ɔde ne nsa nifa abam me.+  Yerusalem mmabea, mede ɔwansanbere+ ne wuram ɔforotebere+ ka ntam+ sɛ monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.+  “Mete sɛ obi reba te sɛ me dɔfo!+ Hwɛ, ɔreba!+ Ɔforo mmepɔw na ohuruw tra nkoko.  Me dɔfo te sɛ ɔwansan+ anaa ɔforote ba. Hwɛ, ogyina yɛn dan akyi hwɛ mfɛnsere mu, ɔto n’ani fa ntokuwa mu.+ 10  Me dɔfo bua see me sɛ: ‘Me komam hemmaa hoɔfɛfo,+ sɔre bra ɛ.+ 11  Hwɛ, asusowbere+ atwam, osu atɔ atew koraa. 12  Nhwiren apae asase so baabiara,+ bere adu sɛ wotwitwa bobe ho,+ na wɔte aburuburuw+ su wɔ yɛn asase so. 13  Borɔdɔma+ aba a edi kan+ agyigye wɔ ne dua so; bobe agu nhwiren na eyi hua. Me komam hemmaa+ hoɔfɛfo, sɔre bra ɛ. 14  O m’aborɔnoma+ a wowɔ ɔbotan mu, bepɔw nkyɛn ahintawee, dannan wo ho ma menhwɛ ɛ,+ na wo ho yɛ me fɛ.+ Ma mente wo nne ɛ, na wo nne yɛ me dɛ.’” 15  “Monkyere sakraman+ no mma yɛn, sakraman nkumaa a wɔresɛe yɛn bobeturo no, efisɛ yɛn bobe no agu nhwiren.”+ 16  “Me dɔfo wɔ hɔ ma me, na me nso mewɔ hɔ ma no.+ Ɔhwɛ ne nguan+ wɔ sukooko mu.+ 17  Me dɔfo, dan wo ho hwɛ me kosi sɛ mframa bɛbɔ brɛoo na sunsuma ayera; yɛ sɛ ɔwansan+ anaa ɔforote mma a wɔwɔ mpaapaemu mmepɔw so.

Ase Hɔ Nsɛm