Solomon Dwom 3:1-11

3  “Anadwo a meda me mpa so no, mehwehwɛɛ nea me kra dɔ no no.+ Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.  Ma mensɔre nkokyin kurom;+ ma menkɔfa mmɔnten ne gua so+ nhwehwɛ nea me kra dɔ no no. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.  Awɛmfo+ a wɔnam kurom no bɛtoo me, ɛnna mibisaa wɔn sɛ, ‘Me wuranom, moahu nea me kra dɔ no no anaa?’  Misian wɔn ho ara pɛ na mihuu nea me kra dɔ no no. Misoo no mu, na mannyaa no mu kosii sɛ mede no baa me maame fie, nea onyinsɛn me no mpia mu.  Yerusalem mmabea, mede ɔwansanbere ne wuram ɔforotebere+ ka ntam+ sɛ monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.”+  “Ɛdɛn na efi sare so reba te sɛ wusiw kumɔnn a kurobow ne ɛhyɛ+ ne oguadini nnuhuam+ biara bi agye ho yi?”  “Hwɛ, ɛyɛ ne mpa, Solomon mpa. Mmarima akatakyi aduosia, Israel akatakyi,+ atwa ho ahyia.  Wɔn nyinaa wɔ nkrante, na wɔakyerɛ wɔn akodi. Obiara nkrante bɔ n’asen, anadwo mu asɛm nti.”+  “Ɛyɛ Ɔhene Solomon apakan a ɔde Lebanon nnua ayɛ.+ 10  Ɔde dwetɛ ayɛ ne nan, na ɔde sika kɔkɔɔ ayɛ ne ntwerimu. N’agua yɛ tankɔkɔɔ, na Yerusalem mmabea adura mu fɛfɛɛfɛ.” 11  “Sion mmabea, mumfi adi nkɔhwɛ, monkɔhwɛ sɛ Ɔhene Solomon abɔ n’abotiri,+ nea ne maame+ nwene maa no da a ɔwaree ne da a ne koma dii ahurusi no.”+

Ase Hɔ Nsɛm