Solomon Dwom 4:1-16

4  “Hwɛ, me komam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!+ Mise, wo ho yɛ fɛ! W’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa+ wɔ wo nkataanim mu.+ Wo nhwi te sɛ mmirekyi+ a wɔresian Gilead+ bepɔw.  Wo sẽ te sɛ nguan+ a wɔatwitwa wɔn nhwi a wofi aguaree aba, nguan a wɔn nyinaa awowo nta a obiara ba nwui.  W’ano te sɛ hama kɔkɔɔ, na w’anom kasa yɛ dɛ.+ W’asontɔrem te sɛ granate akutu* a wɔapae mu abien, wo nkataanim mu.+  Wo kɔn+ te sɛ Dawid abantenten+ a wɔde abo ahyehyɛ a akyɛm apem sensɛn ho, nnɔmmarima akyɛm+ nyinaa.  Wo nufu+ abien te sɛ awansammere nkumaa abien, ntafo a wɔredidi wɔ sukooko mu.”+  “Mɛkɔ kurobow bepɔw ne ɛhyɛ koko+ so akosi sɛ mframa bɛbɔ brɛoo+ na sunsuma ayera.”  “Me komam hemmaa, w’ahoɔfɛ yɛ krabɛhwɛ,+ dɛm biara nni wo ho.+  M’ayeforo,+ bra ma yemfi Lebanon, bra ma yemfi Lebanon+ nkɔ. Yemfi Amana ne Senir+ ne Hermon+ so nsian; ma yemfi agyata buw mu ne asebɔ mmepɔw so.  Me nuabea,+ m’ayeforo,+ mihu wo a na me yam ahye me, w’aniwa+ biako ne wo kɔnmuade mu kaa biako mpo ma me koma bɔ paripari. 10  Wo dɔ yɛ fɛ,+ me nuabea, m’ayeforo! Wo dɔ yɛ dɛ sen bobesa na wo ngo yɛ huam sen aduhuam biara!+ 11  M’ayeforo, w’ano sosɔ sɛ ɛwokyɛm.+ Ɛwo+ ne nufusu wɔ wo tɛkrɛma ase, na wo ntade mu hua te sɛ Lebanon hua.+ 12  Me nuabea te sɛ turo a wɔagye ho,+ m’ayeforo te sɛ turo a wɔato ho ban, asuti a wɔasɔw ano. 13  Wo honam te sɛ paradise turo a granate akutu ne nnuaba pa wom,+ lele nnua ne nerdo+ nnua; 14  ɛte sɛ nerdo+ ne safron,+ sibiri huamhuam+ ne anoatre+ ne ɛhyɛ nnua ahorow nyinaa, kurobow ne pɛprɛ+ ne nnuhuam atitiriw nyinaa;+ 15  ɛte sɛ turom asuti, asubura a ɛsɔw nsupa+ ne asuten a efi Lebanon.+ 16  Atifi mframa, sɔre; anafo mframa, bra.+ Bɛbɔ gu me turo so.+ Ma ne nnuhuam nsen.” “Ma me dɔfo mmra ne turom na ommedi emu nnuaba pa.”

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ex 28:33 ase hɔ asɛm.