Solomon Dwom 5:1-16

5  “Me nuabea,+ m’ayeforo,+ maba me turo mu.+ Matetew me kurobow+ aka m’aduhuam ho. Madi me wokyɛm aka ɛwo+ ho, na manom me nsã aka me nufusu ho.” “Nnamfo, munnidi! Monnom ɔdɔ na ɛmmow mo!”+  “Mada nanso me koma anyan.+ Mate sɛ me dɔfo rebɔ pon mu!”+ “Bue me,+ me nuabea, me komam hemmaa, m’aborɔnoma a wudi mũ!+ Obosu ayɛ me tirim mã, anadwo bosu+ afɔw me ti nhwi.”  “‘Hwɛ, mayi m’atade; mɛyɛ dɛn ahyɛ bio? Mahohoro me nan ho; mɛyɛ dɛn ayɛ ho fĩ?’  Afei me dɔfo twee ne nsa fii ɔpon no ano tokuru mu, na me yam+ hyee me.  Na mesɔree sɛ merekobue me dɔfo, na me nsa ho kurobow ne me nsateaa ho kurobow nsunsu sosɔ guu krɔkrɔ no ho.  Mibuei sɛ me dɔfo mmra mu, nanso na me dɔfo adan ne ho, watwam kɔ. Bere a ɔrekasa no, me ho mmoa nyinaa guanee. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.+ Mefrɛɛ no, nanso wammua me.  Awɛmfo+ a wɔnam kurom no bɛtoo me. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me. Awɛmfo a wɔwɛn afasu+ no yii me nkataanim.  “Yerusalem mmabea,+ meka ntam gu mo so+ sɛ sɛ muhu me dɔfo a,+ monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ho anigyina abɔ me yare.”+  “O mmea mu ɔhoɔfɛfo,+ dɛn na wo dɔfo de sen ɔdɔfo foforo?+ Dɛn koraa na wo dɔfo de sen ɔdɔfo foforo a enti woaka ntam a ɛte sɛɛ agu yɛn so yi?”+ 10  “Me dɔfo te sɛ ahwehwɛ, na ɔbere. Mmarima mpem du gyinagyina hɔ a, ɔda nsow.+ 11  Ne ti yɛ sika, sika kɔkɔɔ a wɔapa mu. Ne ti nhwi yɛ adobɛ aba, na ɛyɛ tumm sɛ kwaakwaadabi. 12  N’aniwa te sɛ mmorɔnoma a wɔwɔ nsu ho, mmorɔnoma a woguare nufusu mu a wosisi asukɔn so. 13  N’afono te sɛ turom akofi a aduhuam ayɛ so mã,+ abantenten a wɔde nnuhuam ahyehyɛ. N’ano yɛ sukooko a ɛsosɔ kurobow.+ 14  Ne nsateaa yɛ sika kɔkɔɔ a wɔde sikaberebo ahyehyɛ mu, na ne yafunu yɛ asommɛn a wɔde hoabo adura ho. 15  Ne nan yɛ abohemmaa adum a ne nnyinaso yɛ sika kɔkɔɔ. N’ahoɔfɛ te sɛ Lebanon, na ɔda mu fua te sɛ kyeneduru.+ 16  Ne dodom yɛ adɔkɔdɔkɔde, na ne ho biribiara yɛ anika ara nko.+ Yerusalem mmabea, oyi ne me dɔfo, m’adamfo a minni ne ho agoru.”

Ase Hɔ Nsɛm