Solomon Dwom 6:1-13

6  “Mmea mu ɔhoɔfɛfo,+ ɛhe na wo dɔfo kɔ? Ɛhe na wo dɔfo de n’ani akyerɛ? Kyerɛ yɛn na yɛne wo nyinaa nkɔhwehwɛ no.”  “Me dɔfo kɔ ne turo mu,+ baabi a aduhuam akofi wɔ.+ Ɔrekɔhwɛ ne nguan+ wɔ nturo no mu na watetew sukooko.  Mewɔ hɔ ma me dɔfo, na me dɔfo wɔ hɔ ma me.+ Ɔhwɛ ne nguan+ wɔ sukooko mu.”  “O me komam hemmaa,+ wo ho yɛ fɛ te sɛ Anika Kurow,*+ wo ho twa te sɛ Yerusalem,+ na wo ho yɛ hu te sɛ asraafodɔm+ a wɔahyia wɔn frankaa ase.+  Yi w’ani+ fi m’anim na egyigye me. Wo nhwi te sɛ mmirekyi a wɔresian fi Gilead.+  Wo sẽ te sɛ nguan a wofi aguaree aba, nguan a wɔn nyinaa awowo nta a obiara ba nwui.+  W’asontɔrem te sɛ granate akutu a wɔapae mu abien, wo nkataanim mu.+  Ahemmaa aduosia ne ayefam aduɔwɔtwe ne mmabaa a wonni ano wɔ hɔ.+  Nanso obiako pɛ ne m’aborɔnoma+ a odi mũ.+ Ɔno na ɔda ne maame koma so, ne nã a ɔkyem woo no no ba a asɛm nni ne ho. Mmabaa hu no na woyi no ayɛ; ahemmaa ne ayefam hu no na wɔkamfo no sɛ,+ 10  ‘Ɔbea+ bɛn na ɔhwɛ fam te sɛ adekyee,+ ne ho yɛ fɛ te sɛ ɔsram a atwa puruw,+ ɔhyerɛn te sɛ owia,+ na ne ho yɛ hu te sɛ asraafodɔm a wɔahyia wɔn frankaa ase yi?’”+ 11  “Mekɔɔ atea* turom+ kɔhwɛɛ nnua a afefɛw subon mu.+ Mekɔhwɛe sɛ bobe afefɛw na granate akutu nnua agu nhwiren anaa.+ 12  M’ani baa me ho so no, na me kra de me akɔtena me man ayamyefo nteaseɛnam mu.” 13  “San bra, san bra, O Sulamit! San bra ɛ, san bra na yɛnhwɛ wo!”+ “Dɛn koraa na muhu wɔ Sulamit ho?”+ “Biribi a ɛte sɛ akuw abien asaw!”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “te sɛ Tirsa.”
Na dua a wɔreka ho asɛm yi wɔ Israel, na ɛte sɛ atea.