Solomon Dwom 7:1-13

7  “O ababaa yamyefo,+ hwɛ sɛnea wo nan ne mpaboa yɛ fɛ fa!+ Wo srɛ te sɛ agude,+ odwumfo nsa ano adwuma.  Wo funuma yɛ kora kurukuruwa a afrasa+ rempa mu da. Wo yafunu te sɛ awi akuwakuw a wɔde sukooko agye ho ban.+  Wo nufu abien te sɛ awansammere nkumaa a wɔyɛ nta.+  Wo kɔn+ te sɛ abantenten a wɔde asommɛn ato. W’aniwa+ te sɛ Hesbon+ atare wɔ Bat-Rabim pon ano. Na wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛhwɛ Damasko.  Wo ti a esi wo kɔn so te sɛ Karmel,+ na wo ti nhwi+ a egu w’akyi te sɛ tankɔkɔɔ+ a ɛfa ɔhene dommum.+  M’awuraa, wo ho yɛ fɛ na wo ho yɛ anika sen biribiara a edwudwo koma!+  Wusi pi te sɛ abedua,+ na wo nufu+ te sɛ adobɛ aba.  Mekae sɛ, ‘Mɛforo abedua akoso ne mpopa mu.’+ Enti mesrɛ wo, ma wo nufu nyɛ sɛ bobe asiaw na wo hwenem hua nyɛ sɛ aprɛ,  na wo dodom nyɛ sɛ nsã pa,+ nsã a ɛkɔ yɔɔ+ ma me dɔfo, a ɛsɔn gu wɔn a wɔada anom.” 10  “Mewɔ hɔ ma me dɔfo,+ na wanhu me a ontumi ntena.+ 11  Me dɔfo, bra ma yɛnkɔ wuram;+ ma yɛnkɔsoɛ lele+ nnua ase. 12  Ma yɛnsɔre anɔpahema nkɔ bobeturom, nkɔhwɛ sɛ bobe afefɛw+ na apae nhwiren+ anaa, na granate akutu nso agu nhwiren.+ Na ɛhɔ na mɛsan me dɔ mu akyerɛ wo.+ 13  Dudayim+ nnuaba hua agye baabiara, na nnuaba pa nyinaa bi wɔ yɛn apon ano.+ Foforo ne dedaw nyinaa mede asie ama wo, me dɔfo.

Ase Hɔ Nsɛm