Solomon Dwom 8:1-14

8  “O sɛ anka wote sɛ me nuabarima ɛ,+ nea onum me maame nufu ɛ!+ Anka mihu wo abɔnten a, mefew w’ano.+ Na obiara remmu me animtiaa.  Medi w’anim de wo aba me maame fie,+ nea ɔkyerɛɛ me ade no fie. Mede nsã a wɔde aduhuam afra+ bɛma wo, granate akutu nsã foforo.  Ɔde ne nsa benkum bɛhyɛ me ti ase, na ɔde ne nsa nifa abam me.+  “Yerusalem mmabea, meka ntam gu mo so sɛ monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.”+  “Ɔbea+ bɛn na ofi sare so reba+ a ne ti da ne dɔfo so yi?”+ “Aprɛ dua no ase na minyan wo. Ɛhɔ na awo kaa wo maame. Ɛhɔ na awo kaa nea ɔkyem woo wo no.+  “Fa me to wo koma so sɛ nsɔano,+ na ma minsi wo basa so sɛ nsɔano, efisɛ ɔdɔ ho yɛ den te sɛ owu,+ na ne nokwaredi*+ mu yɛ duru te sɛ Adamoa*​—ɛmpa abaw. Ɛdɛw sɛ ogya, Yah gyaframa.+  Nsu pii ntumi nnum ɔdɔ,+ na asubɔnten mpo ntumi nhohoro ngu.+ Sɛ obi de ne fie agyapade nyinaa mpo ma sɛ ɔde bɛtɔ ɔdɔ a, ɛbɛyɛ adehunu bi wɔ nnipa ani so.”  “Yɛwɔ onuabea+ kumaa bi a ɔmmobɔɔ nufu. Da a obi bebisa n’ase no, dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yi?”  “Sɛ ɔyɛ ɔfasu a,+ yɛde dwetɛ bɛto abantenten asi no so, na sɛ ɔyɛ ɔpon a,+ yɛde kyeneduru ntaboo bɛbram ne ho.” 10  “Meyɛ ɔfasu na me nufu te sɛ abantenten.+ Enti ohu me sɛ nea n’asom adwo no. 11  “Ná Solomon wɔ bobeturo+ bi wɔ Baal-Hamon. Ɔde maa ahwɛfo.+ Na sɛ wɔtew so aba a, wɔn mu biara de nnwetɛbona apem ba. 12  “Me bobeturo no yɛ me dea, na ɛwɔ hɔ ma me. Apem no yɛ wo dea, Solomon, na ahanu yɛ wɔn a wɔhwɛ so no dea.” 13  “Wo a wote nturo mu,+ wo mfɛfo retie wo. Ma me nso mente wo nne ɛ.”+ 14  “Me dɔfo, tu mmirika na yɛ sɛ ɔwansan anaa ɔforote ba wɔ nnuhuam mmepɔw so.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.
Anaa “ne ninkuntwe, anaa ahofama.”