Tito 1:1-16

1  Paulo, Onyankopɔn akoa+ ne Yesu Kristo somafo+ sɛnea wɔn a Onyankopɔn apaw+ wɔn no gyidi ne nokware+ no ho nimdeɛ a edi mũ+ a ɛne onyamesom pa+ hyia te,  ade a egyina daa nkwa+ a Onyankopɔn a ontumi nni atoro+ no ahyɛ ho bɔ fi teteete+ ho anidaso so,  a n’ankasa bere a ɛsɛ mu no ɔdaa n’asɛm adi wɔ asɛnka a wɔde hyɛɛ me nsa+ no mu, sɛnea yɛn Agyenkwa Nyankopɔn hyɛe no,+  de kɔma Tito, ɔba+ ankasa a me ne no kura gyidi koro mu: Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn+ ne Kristo Yesu yɛn Agyenkwa+ no hɔ nka wo.  Eyi nti na migyaw wo Kreta,+ na woasiesie nea atɔ kyima na woapaw+ mpanyimfo wɔ kurow biara mu sɛnea mehyɛɛ+ wo no;  ɔbarima a asɛm biara nni ne ho,+ ɔyɛ okunu a ne yere+ yɛ biako na ɔwɔ mma gyidifo a wonni wɔn ho asɛm sɛ wodi ahohwisɛm anaa wɔyɛ asobrakye.+  Na ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a asɛm biara nni ne ho+ sɛ Onyankopɔn fiehwɛfo,+ onni ne koko so asɛm,+ ne bo mfuw ntɛmntɛm,+ ɔnyɛ ɔkɔwensani tutupɛfo,+ ɔnyɛ pupopupo,+ ɔnyɛ odifudepɛfo opoobɔfo,+  na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ ɔpɛ papayɛ, n’adwenem da hɔ,+ ɔteɛ, ɔyɛ ɔnokwafo,+ otumi di ne ho so,+  na ɔkwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ+ gyina nokwasɛm no so pintinn, na ama watumi de nkyerɛkyerɛ pa+ no atu fo na wayi wɔn a wɔkasa tia no atɛn.+ 10  Na nnipa pii yɛ asobrakye, wɔn a wɔkeka nsɛnhunu+ na wɔdaadaa nkurɔfo, ne titiriw no wɔn a wɔagye twetiatwa+ agyina mu no. 11  Ehia sɛ wɔma saa nnipa yi mua wɔn ano, efisɛ wɔkɔ so dan mmusua mũ nyinaa butuw+ bere a mfaso+ bɔne nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ. 12  Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ankasa diyifo kae sɛ: “Kretafo yɛ atorofo bere nyinaa, nkekaboa bɔne,+ adidifo akwadwofo.” 13  Saa adanse yi yɛ nokware. Eyi nti kɔ so yi wɔn ntɛn denneennen,+ na wɔayɛ nnipa a wɔyɛ den+ wɔ gyidi no mu, 14  na wɔantie Yudafo anansesɛm+ ne ahyɛde a nnipa a wɔatwe wɔn ho afi nokware no ho+ akɔfa aba.+ 15  Nneɛma nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew.+ Nanso wɔn a wɔn ho agu fĩ+ na wonnye nni+ no de, biribiara ho ntew, na wɔn adwene ne wɔn ahonim+ nyinaa ho agu fĩ. 16  Wɔpae mu ka wɔ baguam sɛ wonim Onyankopɔn,+ nanso wɔde wɔn nnwuma+ pa no, efisɛ wobu wɔn sɛ abofonode, na wɔyɛ asoɔdenfo a wɔmfata+ mma adwuma pa biara.

Ase Hɔ Nsɛm