Tito 2:1-15

2  Nanso wo de, kɔ so ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa+ no.  Ma nkwakoraa+ nkari pɛ wɔn nneyɛe mu, wɔn ani so nna hɔ,+ wɔn adwenem nna hɔ, wɔnyɛ nnipa a wɔyɛ den wɔ gyidi,+ ɔdɔ, ne boasetɔ+ mu.  Saa ara na ma mmerewa+ nso mmɔ ɔbra kronkron; mma wɔnnsɛe nkurɔfo din,+ wɔmmma nsã mmfa wɔn nnyɛ nkoa, na mmom wɔnkyerɛ ɔkyerɛ pa,  na wɔde akae mmabaa ma wɔadɔ wɔn kununom+ na wɔadɔ wɔn mma,+  na wɔn adwenem ada hɔ, ayɛ kronn,+ ayɛ fie nnwuma, ayɛ papa, abrɛ wɔn ho ase+ ama wɔn ankasa wɔn kununom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.+  Saa ara nso na kɔ so tu mmerante fo na wɔn adwenem nna hɔ,+  na da wo ho adi biribiara mu sɛ woyɛ nhwɛso wɔ nnwuma pa+ mu; na ma wo nkyerɛkyerɛ+ nyɛ nea ɔporɔw nnim,+ animduru mu,  na ma wo kasa ho ntew a wonnya ho asɛm bi nka;+ ɛno bɛma nea ɔsɔre tia yɛn no ani awu, efisɛ ɔrennya yɛn ho asɛmmɔne biara nka.+  Ma nkoa+ mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn wuranom ade nyinaa mu,+ na wɔnsɔ wɔn ani; wɔnnyɛ nyiyiano,+ 10  wonnwia ade,+ na mmom wonni nokware nkosi ase,+ na ama yɛn Agyenkwa+ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ho aba nyam ade nyinaa mu. 11  Na wɔada Onyankopɔn adom+ a ɛde nkwagye+ brɛ nnipa ahorow nyinaa+ no adi,+ 12  na ɛkyerɛkyerɛ yɛn sɛ yenkyi bɔne+ ne wiase akɔnnɔ,+ na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa trenee ne onyamesom pa+ ntena wiase nhyehyɛe+ yi mu, 13  bere a yɛtwɛn anidaso+ a ɛyɛ anigye ne Onyankopɔn kɛse no ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a wobeyi wɔn ho adi anuonyam+ mu no; 14  ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔre+ maa yɛn, na ɔde agye+ yɛn afi mmarato nyinaa mu, na watew ɔman bi ho+ de ayɛ n’ankasa ne de+ a wɔbɔ nnwuma pa+ ho mmɔden. 15  Kɔ so ka eyinom ho asɛm, na tu fo na yi ntɛn sɛnea wɔama wo tumi sɛ yɛ no.+ Mma obiara mmmu wo abomfiaa.+

Ase Hɔ Nsɛm