Yeremia 1:1-19

1  Hilkia ba Yeremia+ a ofi asɔfo a wɔwɔ Anatot,+ Benyamin+ asase so, mu no nsɛm ni.  Ɔno na Yehowa asɛm baa ne nkyɛn Yuda+ hene Yosia a ɔyɛ Amon+ ba no bere so, n’ahenni afe a ɛto so dumiɛnsa mu.+  Na ɛbae wɔ Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba bere so nso, de besii Yuda hene Sedekia+ a ɔyɛ Yosia ba no afe a ɛto so dubiako awiei, de besii bere a Yerusalem kɔɔ nkoasom mu, ɔsram a ɛto so anum no so.+  Na Yehowa asɛm baa me nkyɛn sɛ:  “Bere a minnya nyɛɛ wo ɔyafunu+ mu no, na minim wo,+ na wunnya mfii awotwaa mu mmae no na metew wo ho.+ Mede wo yɛɛ odiyifo maa amanaman no.”  Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, minnim kasa,+ na meyɛ abofra.”+  Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Nka sɛ, ‘Meyɛ abofra.’ Na mmom obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn no, kɔ, na asɛm biara a mɛhyɛ wo no, ka.+  Nsuro wɔn anim,+ efisɛ midi w’akyi,+ na megye wo, Yehowa asɛm ni.”  Ɛnna Yehowa teɛɛ ne nsa de kaa m’ano.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, mede me nsɛm ahyɛ w’anom.+ 10  Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahenni ahorow so,+ sɛ tutu na bubu na sɛe na dwiriw gu+ na si na dua nso.”+ 11  Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: “Yeremia, dɛn na wuhu yi?” Na mekae sɛ: “Ɔsonkoran abaa bi na mihu.” 12  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Woahu no yiye, na merema m’ani ada hɔ m’asɛm ho na mayɛ.”+ 13  Na Yehowa asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ: “Dɛn na wuhu yi?” Na mekae sɛ: “Kuku a wɔrefita ase gya mu na mihu, na ano kyerɛ anafo.” 14  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Atifi fam na wobefi ahwie amanehunu no agu asase no so nnipa nyinaa so.+ 15  ‘Hwɛ merefrɛ atifi fam ahenni mu mmusua nyinaa,’ Yehowa asɛm ni,+ ‘na wɔbɛba na obiara de n’ahengua abesi Yerusalem kurow apon ano+ ne afasu a atwa ho ahyia no ho ne Yuda nkurow+ nyinaa mu. 16  Na mɛka m’atemmu wɔ wɔn bɔne nyinaa ho akyerɛ wɔn,+ efisɛ wɔagyaw me,+ na daa wɔhyew afɔrebɔde ma anyame foforo,+ na wɔkotow wɔn nsa ano adwuma.’+ 17  “Na wo de, bɔ w’asen,+ na sɔre ka nea mɛhyɛ wo nyinaa kyerɛ wɔn. Mmɔ hu wɔn anim, na meremma wommɔ hu wɔn anim.+ 18  Hwɛ, me de, ɛnnɛ mayɛ wo kurow a wɔabɔ ho ban ne dade dum ne kɔbere afasu+ atia asase no nyinaa+ ne Yuda ahene ne ne mpanyimfo ne n’asɔfo ne asase no so nnipa.+ 19  Na wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo,+ ‘efisɛ midi w’akyi,+ na megye wo,’+ Yehowa asɛm ni.”

Ase Hɔ Nsɛm