Yeremia 11:1-23

11  Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn ni:  “Muntie apam yi mu nsɛm! “Ka+ nsɛm yi kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo,  na ma wɔnte sɛ, ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Nnome nka nea ontie apam yi mu nsɛm;+  nsɛm a mehyɛɛ mo agyanom ɛda a miyii wɔn fii Egypt asase so,+ dade fononoo+ mu no sɛ, ‘Muntie me nne na monyɛ nea mahyɛ mo nyinaa,+ na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn,+  na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina,+ sɛ mede asase a nufusu ne ɛwo+ sen wɔ so no bɛma wɔn sɛnea ɛte nnɛ yi.’”’” Na migyee so sɛ: “Amen, O Yehowa.”  Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Pae mu ka nsɛm yi nyinaa wɔ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmɔnten so sɛ,+ ‘Muntie apam yi mu nsɛm na munni so.+  Mekasa kyerɛɛ mo agyanom, da a miyii wɔn fii Egypt+ asase so bae no, na ɛde besi nnɛ nso mesɔre anɔpahema kasa kyerɛ wɔn sɛ: “Muntie me nne.”+  Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ mmom obiara nantew ne koma+ bɔne atuatew mu. Ɛno nti, mede apam yi mu nsɛm, nsɛm a mehyɛɛ wɔn sɛ wonni so a wɔanni so no nyinaa baa wɔn so.’”  Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: “Yuda mmarima ne Yerusalemfo abɔ me ho pɔw.+ 10  Wɔasan kɔ wɔn agyanom amumɔyɛ mu,+ tetefo a wɔanni me nsɛm so a wokodii anyame foforo akyi som wɔn no.+ Israel fie ne Yuda fie abu m’apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so.+ 11  Enti nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mede mmusu+ a wontumi mfi mu reba wɔn so,+ na wobesu afrɛ me, nanso merentie wɔn.+ 12  Na Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔhyew afɔrebɔde ma wɔn no,+ nanso wɔrentumi nnye wɔn, wɔn amanehunu bere no mu.+ 13  Sɛnea wo nkurow dodow te no, saa na w’anyame dodow te, O Yuda,+ na sɛnea Yerusalem mmorɔn dodow te no, saa na moasisi afɔremuka ama aniwude,+ afɔremuka a mohyew so afɔrebɔde ma Baal no.’+ 14  “Na wo de, mmɔ mpae mma ɔman yi, mma wo nne so nsu mfrɛ me mma wɔn, na mmɔ mpae mma wɔn;+ sɛ wosu frɛ me wɔn amanehunu bere no mu a, merentie.+ 15  “Dɛn na me dɔfo reyɛ wɔ me fie+ bere a wɔn mu bebree+ abɔ pɔw bɔne yi?+ So afɔrebɔ bɛma afi wo so,+ w’amanehunu bere no? Saa bere no, wubedi ahurusi anaa?+ 16  Yehowa frɛɛ wo ‘ngodua frɔmfrɔm fɛfɛ a ɛsow aba dɔsɔɔ.’+ Nanso nnyigyei kɛse bi bae, na ɔsɔɔ ne ho gya, na wɔabubu ne mmaa.+ 17  “Na asafo Yehowa, Nea oduaa wo+ no aka mmusu a ɛreba wo so, bɔne a Israel fie ne Yuda fie yɛe,+ sɛ wɔhyew afɔrebɔde maa Baal de hyɛɛ me abufuw no nti.”+ 18  Na Yehowa akyerɛ me ma mahu. Saa bere no, woma mihuu wɔn nneyɛe.+ 19  Me de, na mete sɛ oguammaa a odwo a wɔrekokum no;+ ná minnim sɛ me na wɔabɔ me ho pɔw yi,+ sɛ: “Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba na yentwa no mfi ateasefo asase so,+ na wɔankae ne din bio.” 20  Nanso asafo Yehowa bu atɛn wɔ trenee mu;+ ɔsɔ asaabo ne koma hwɛ.+ Ma minhu w’aweredi wɔn so ɛ, na wo na mede m’asɛm abɛdan wo.+ 21  Ɛno nti eyi na Yehowa aka atia Anatot+ mmarima a wɔrehwehwɛ wo kra na wɔka sɛ: “Nhyɛ nkɔm Yehowa din+ mu na woanwu yɛn nsam” no; 22  enti nea asafo Yehowa aka ni: “Hwɛ, meredan m’ani aba wɔn so. Nkrante+ na wɔde bekunkum mmerante no, na wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nso, ɔkɔm na ebekunkum wɔn.+ 23  Na nkaefo bi renka mma wɔn, efisɛ mede mmusu bɛba Anatot+ mmarima so, wɔn akontaabu afe no.”+

Ase Hɔ Nsɛm