Yeremia 12:1-17

12  O Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wubu atɛn wɔ trenee mu.+ Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wudi ma me. Dɛn nti na abɔnefo kwan si wɔn yiye+ na nkontompofo nyinaa nso ho dwo wɔn?  Woadua wɔn na wɔagye ntini. Wɔanyin na wɔasow aba nso. Wɔde wɔn ano na ɛbɛn wo, nanso wɔn asaabo de, ɛne wo ntam ware yiye.+  O Yehowa, wo na wunim me yiye;+ wuhu me, na woasɔ me koma ahwɛ sɛ edi mũ w’anim.+ Yiyi wɔn gyina nkyɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn,+ na hyira wɔn so ma okum da.  Asase no bɛsɛe akosi da bɛn,+ na asase no so wura betwintwam akosi da bɛn?+ Wɔn a wɔte so no bɔne nti, mmoa ne nnomaa aguan kɔ.+ Na wɔka sɛ: “Ɔrenhu yɛn awiei.”  Sɛ wo ne anammɔnfo tu mmirika na wobrɛ a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ne apɔnkɔ atu mmirika?+ Asomdwoe asase so na woanya awerɛhyem yi?+ Ɛnde wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan kwaebirentuw no mu?+  W’ankasa wo nuanom ne wo papa fiefo mpo atwa wo nkontompo.+ Wɔn mpo teɛm denneennen di w’akyi. Na sɛ wɔka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.+  “Magyaw me fie;+ mapo m’agyapade;+ mede nea me kra dɔ no no ahyɛ n’atamfo nsa.+  M’agyapade adan me sɛ gyata wɔ kwae mu. Wama ne nne so atia me. Ɛno nti na metan no no.+  M’agyapade+ adan me sɛ ɔkɔre ntokontrama; akɔre atwa ho ahyia.+ Wuram mmoa nyinaa, mommoaboa mo ano mmra; momfa wɔn mmra mmedidi.+ 10  Nguanhwɛfo+ bebree asɛe me bobeturo no;+ wɔatiatia me kyɛfa no so.+ Wɔadan me kyɛfa a mepɛ+ no sare so amamfõ. 11  Wɔayɛ no amamfõ;+ atwintwam; adan amamfõ ama me.+ Wɔayɛ asase no nyinaa amamfõ, efisɛ obiara nni hɔ a ɔde ahyɛ ne komam.+ 12  Asɛefo aba sare so kwan no nyinaa so. Yehowa nkrante resɛe ade fi asase no ano akosi ano nohoa.+ Asomdwoe bi nni hɔ mma ɔhonam biara. 13  Woduaa awi nanso nsɔe na wɔatwa.+ Wɔayɛ adwuma ama abɔ wɔn yare, nanso wɔannya so mfaso biara.+ Yehowa abufuhyew nti wɔn ani bewu wɔn nnɔbae ho.” 14  Nea Yehowa aka ni: “Nnipa abɔnefo a wɔte bɛn+ me a wɔde wɔn nsa aka agyapade a mede ama me man Israel sɛ wɔmfa no nyinaa,+ meretutu wɔn ase afi wɔn asase so,+ na Yuda fie nso, metu ase afi wɔn mu.+ 15  Na sɛ mitu wɔn ase wie a, mehu wɔn mmɔbɔ+ na masan de wɔn aba na obiara akɔ n’agyapade ne n’asase so.”+ 16  “Na sɛ wobesua me man akwan yiye na wɔaka me din ntam sɛ,+ ‘Sɛ́ Yehowa te ase yi!’ sɛnea wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam+ no a, ɛnde wɔn nso wobenya tenabea me man mu.+ 17  Na sɛ wɔantie a, ɛnde me nso metutu saa ɔman no ase; metutu ase na masɛe no,”+ Yehowa asɛm ni.

Ase Hɔ Nsɛm