Yeremia 15:1-21

15  Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ Mose+ ne Samuel+ mpo begyina m’anim a, me kra ani rensɔ ɔman yi.+ Mɛpam wɔn afi m’anim akɔ.+  Na sɛ wobisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yemfi adi nkɔ?’ a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Nea ɔsɛ owuyare no nkɔ owuyare mu! Nea ɔsɛ nkrante no nkɔ nkrante ano! Nea ɔsɛ ɔkɔm no nkɔ ɔkɔm mu!+ Na nea ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!”’+  “‘Mmusu ahorow anan na mede bɛba wɔn so,’+ Yehowa asɛm ni, ‘nkrante a ebekunkum wɔn, akraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, ewim nnomaa,+ ne asase so mmoa a wobedi wɔn nam na wɔasɛe wɔn.  Na nea Yuda hene Manase, Hesekia ba no yɛe wɔ Yerusalem nti,+ mɛma wɔn ho aguan wɔn, asase so ahenni nyinaa mu.+  Hena na obehu wo mmɔbɔ, O Yerusalem, hena na obegyam wo,+ na hena na ɔbɛman abebisa sɛnea wo ho te?’  “‘Mo na moafi m’akyi,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Moadan mo akyi akyerɛ me.+ Enti mɛteɛ me nsa mo so na masɛe mo.+ Afei de, mabrɛ ne mmɔborɔhunu.+  Mede nkorata behuw wɔn so+ sɛ awi wɔ apon ano wɔ asase no so. Mɛma wɔahwere wɔn mma.+ Mɛsɛe me man efisɛ wɔannan amfi wɔn akwan ho.+  Wɔn akunafo adɔɔso m’anim sen mpoano anhwea. Awia ketee+ na mɛma ɔsɛefo aba ɔbaatan ne aberante nyinaa so. Mɛma ahoyeraw ne sakasaka aba wɔn so mpofirim.+  Ɔbea a wawo mma baason no akisa; ne kra pere pɛ ahome.+ Ade nnya nsae,+ nanso ne wia akɔtɔ; ne wia anim agu ase na afɛre.’ ‘Mede wɔn nkae bɛma nkrante wɔn atamfo anim,’+ Yehowa asɛm ni.” 10  O me maame, minnue+ sɛ wowoo me, efisɛ meyɛ ɔhaw ne mansotwe nipa ma asase nyinaa.+ Obi mmɛbɔɔ me hɔ bosea, na me nso menkɔbɔɔ obi bosea. Nanso obiara redome me.+ 11  Yehowa aka sɛ: “Ampa ara, medi aboa wo.+ Ampa ara, megye wo ɔtamfo nsam wɔ amanehunu+ bere mu ne ahohia bere mu.+ 12  Obi betumi abubu dade a efi atifi fam ne kɔbere mu anaa? 13  Mede mo ho nneɛma ne mo ademude bɛma kwa+ sɛ asade wɔ mo nsase nyinaa so, mo bɔne nyinaa nti.+ 14  Mɛma ɛne mo atamfo atwam akɔ asase a munnim so so.+ M’abufuw asɔ gya.+ Adɛw atia mo.” 15  Wo ara wunim.+ O Yehowa, kae me,+ na dan w’ani kyerɛ me, na tɔ m’ataafo so were ma me.+ Nyi me mfi hɔ w’abodwokyɛre mu.+ Hwɛ ahohora a wo din nti aba me so no.+ 16  Minyaa wo nsɛm, na midii;+ w’asɛm bɛyɛɛ ahurusi+ ne anigye wɔ me koma mu;+ wo din na ɛda me so,+ O Yehowa, asafo Nyankopɔn.+ 17  Mentenaa wɔn a wodi fɛw+ guabɔ mu nnii ahurusi.+ Wo nsa nti, me nko na mete,+ efisɛ abohuru na wode ahyɛ me mã.+ 18  Adɛn nti na me yaw nkɔ+ da na m’apirakuru nni sabea yi?+ Wɔsa a ɛnsa. Wo de, woayɛ sɛ ɔdaadaafo+ ne asuten a ɛnkyɛ yow ama me.+ 19  Enti nea Yehowa aka ni: “Sɛ wosan ba a, megye wo bio.+ Wubegyina m’anim.+ Sɛ wuyiyi nneɛma a ɛsom bo fi nneɛma hunu mu a, ɛnde wobɛyɛ ano ama me. Wɔn de, wɔbɛsan aba wo nkyɛn, na wo de, worensan nkɔ wɔn nkyɛn.” 20  “Mama woadan kɔbere afasu+ a wɔabɔ ho ban ama ɔman yi; wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo.+ Midi w’akyi, na megye wo na mayi wo,”+ Yehowa asɛm ni. 21  “Megye wo afi abɔnefo nsam,+ na meyi wo afi atirimɔdenfo nso nsam.”

Ase Hɔ Nsɛm