Yeremia 16:1-21

16  Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ:  “Nware yere, na nnya mmabarima ne mmabea wɔ ha.+  Nea Yehowa aka wɔ mmabarima ne mmabea a wɔwo wɔn wɔ ha ne wɔn maamenom ne wɔn papanom a wɔwo wɔn asase yi so ho ni,+  ‘Owuyare bɛbobɔ wɔn ma wɔawuwu.+ Wɔrensu+ wɔn na wɔrensie wɔn.+ Wɔbɛyɛ sumina asase ani;+ nkrante ne ɔkɔm na ebekunkum wɔn,+ na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.’+  “Nea Yehowa aka ni, ‘Nkɔ awerɛhow fie adidi ase; nkosu, na mma wɔn asɛm nnyɛ wo mmɔbɔ.’+ “‘Efisɛ mayi m’asomdwoe afi ɔman yi so,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mayi adɔe ne mmɔborɔhunu nso.+  Nnipa akɛse ne nketewa nyinaa bewuwu asase yi so. Wɔrensie wɔn,+ na wɔrenni wɔn ho awerɛhow; obi rentwitwa ne ho akam,+ na obi remmɔ tikwaw mma wɔn.+  Wɔrenkyekyɛ aduan mma wɔn sɛ wɔde rema wɔn due, awufo ho awerɛhodi mu;+ wɔremma obi awerɛkyekye kuruwa sɛ ɔnnom, ne papa ne ne maame ho.+  Nkɔ apontow ase ofie biara mu ne wɔn nnkɔtena ase nnnidi nnnom.’+  “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no, aka ni, ‘Hwɛ, merema ahurusi ne ahosɛpɛw nne, ayeforo kunu ne ayeforo nne agyae wɔ ha, mo ani so, wɔ mo nna mu.’+ 10  “Sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi, na wobisa wo sɛ, ‘Dɛn nti na Yehowa aka mmusu akɛse yi nyinaa agu yɛn so? Dɛn ne yɛn mfomso, na dɛn ne bɔne a yɛayɛ atia Yehowa yɛn Nyankopɔn?’ a,+ 11  wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, “‘Efisɛ mo agyanom agyaw me,”+ Yehowa asɛm ni, “na wɔakodi anyame foforo akyi asom wɔn, na wɔakotow wɔn.+ Me de, wɔagyaw me, na wɔanni me mmara so.+ 12  Mo de, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom de,+ na obiara nantew ne koma bɔne atuatew+ mu, na ontie me.+ 13  Mɛtow mo afi asase yi so akɔ asase a mo,+ anaa mo agyanom nnim so so,+ na ɛhɔ na mobɛsom anyame+ foforo awia ne anadwo, efisɛ merenhu mo mmɔbɔ.”’ 14  “‘Ɛno nti hwɛ, nna bi reba,’+ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔrenka bio sɛ: “Sɛ́ Yehowa a oyii Israel fii Egypt+ asase so bae no te ase yi!” 15  Mmom wɔbɛka sɛ: “Sɛ́ Yehowa a oyii Israel fii atifi fam asase so ne nsase a ɔbɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so bae no te ase yi!” Na mɛsan de wɔn aba wɔn asase a mede maa wɔn agyanom no so.’+ 16  “‘Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofo pii aba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔakoyi wɔn, na eyi akyi no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfo+ pii aba na wɔakɔhwehwɛ wɔn wɔ mmepɔw nyinaa so ne nkoko nyinaa so ne abotan ntokuru mu.+ 17  M’aniwa hu wɔn akwan nyinaa. Enhintaw me, na wɔn bɔne nso, ɛso nkatae m’anim.+ 18  M’asase a wɔagu ho fĩ no nti,+ medi kan atua wɔn bɔne+ ne wɔn amumɔyɛ nyinaa so ka. Wɔde wɔn atantanne ne akyide afunu ahyɛ m’agyapade ma.’”+ 19  O Yehowa, m’ahoɔden ne m’abankɛse, ahohia bere mu guankɔbea,+ wo nkyɛn na amanaman no fi asase+ ano bɛba abɛka sɛ: “Atoro+ nko na yɛn agyanom bɛtoe, ahuhude ne nneɛma a mfaso nni so.”+ 20  So ɔdesani bɛyɛ anyame afa, bere a wɔnyɛ anyame bi?+ 21  “Enti mɛma wɔahu; saa bere no mɛma wɔahu me nsam ahoɔden ne me tumi,+ na wobehu sɛ me din ne Yehowa.”+

Ase Hɔ Nsɛm