Yeremia 17:1-27

17  “Yuda bɔne no, wɔde dade kyerɛwdua+ na akyerɛw ato hɔ. Wɔde dɛnkyɛmmo ano akurukyerɛw agu wɔn koma pon+ so ne wɔn afɔremuka mmɛn ho;+  mpo wɔn mma kae wɔn afɔremuka ne wɔn abosonnua wɔ dua kusuu ase ne nkoko atenten nyinaa so,+  ne mmepɔw so wɔ wuram. Mede w’ahode ne w’akorade nyinaa bɛma ma wɔafow.+ W’asase nyinaa so bɔne nti, mede wo sorɔnsorɔmmea bɛma ma wɔafow.+  W’ankasa woama w’agyapade a mede maa wo no afi wo nsa.+ Me nso mɛma woasom w’atamfo,+ asase a wunnim so so. M’abufuw nti,+ masɔ wo mu gya. Ɛbɛdɛw akosi daa.”  Nea Yehowa aka ni: “Nnome nka ɔbarima a ɔde ne ho to ɔdesani so,+ nea ɔde ɔhonam ayɛ ne basa+ na ne koma atwe afi Yehowa ho.+  Ɔbɛyɛ sɛ dua koro a esi anhwea pradada so, na bere pa ba a, ɔrenhu;+ ɔbɛtena sare so asase wosee so ne nkyene asase a obi nte so so.+  Nhyira ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa so na ɔde Yehowa yɛ n’anidaso.+  Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsu ho, a ne ntini tenetene kɔ asu no nkyɛn. Sɛ ɔhyew ba a, ɔrenhu, na n’ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm.+ Afe a ɔpɛ+ besi nso, ɔrensuro, na ɔrennyae abasow.  “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew.+ Hena na obetumi ahu mu? 10  Me, Yehowa, me na mehwehwɛ koma mu+ na mesɔ asaabo+ hwɛ, sɛ mɛma obiara sɛnea n’akwan+ ne ne nneyɛe te.+ 11  Nea onya ne ho nanso onnya no trenee so no,+ ɔte sɛ akokɔhwerew a ɔboaboa nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee ano; obebu ne nna mu fã na wagyaw biribiara,+ na awiei no, ɔbɛyɛ ɔkwasea.”+ 12  Anuonyam ahengua no,+ wɔama so fi mfiase; ɛyɛ yɛn kronkronbea.+ 13  O Yehowa, Israel anidaso,+ wɔn a wogyaw wo nyinaa ani bewu.+ Wɔn a wɔwae fi wo ho*+ no, asase so na wɔbɛkyerɛw wɔn din, efisɛ wɔagyaw Yehowa a ɔyɛ nkwa nsuti no.+ 14  O Yehowa, sa me yare na me ho ntɔ me.+ Gye me na minnya nkwa,+ na wone m’ayeyi.+ 15  Hwɛ, ebinom ka kyerɛ me sɛ: “Ɛhe na Yehowa asɛm no wɔ?+ Ma ɛmmra mu ɛ.” 16  Nanso me de, mempɛɛ ntɛm nnyaee sɛ mɛyɛ oguanhwɛfo adi w’akyi, na menhwɛɛ mmusu da no kwan. Wo ara wunim m’anom asɛm; ɛda w’anim. 17  Nyɛ obi a woma ehu ka me.+ Wone m’ahohia da mu guankɔbea.+ 18  Ma m’ataafo ani nwu,+ na me de, mma m’ani nnwu.+ Wɔn na ma ehu nka wɔn, na me de, mma ehu nnka me. Ma mmusu da+ no mmra wɔn so, na fa ɔsɛe mmɔho sɛe wɔn.+ 19  Nea Yehowa aka akyerɛ me ni: “Kɔ, na kogyina ɔmanfo ponkɛse a Yuda ahene fa mu kɔ ba no mu ne Yerusalem kurow apon nyinaa mu.+ 20  Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Muntie Yehowa asɛm, mo Yuda ahene nyinaa ne Yudafo nyinaa ne Yerusalemfo a mofa apon yi mu ba nyinaa.+ 21  Nea Yehowa aka ni: “Monhwɛ mo kra yiye,+ na monnsoa adesoa biara mmfa Yerusalem kurow apon mu mmma mu homeda.+ 22  Mommfa adesoa biara mmfi mo afie mu mmpue homeda, na monnyɛ adwuma biara nso.+ Montew homeda ho sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no;+ 23  nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ wosen wɔn kɔn+ sɛ wɔrentie na wɔrennye nteɛso.”’+ 24  “‘“Na ɛbɛba sɛ,” Yehowa asɛm ni, “sɛ mutie me+ nne na moansoa adesoa biara amfa kurow yi apon mu homeda,+ na motew homeda no ho, na moanyɛ adwuma biara+ a, 25  ɛnde ahene ne mmapɔmma+ a wɔte Dawid ahengua+ so bɛtenatena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so afa kurow yi apon mu, wɔne wɔn mmapɔmma, Yuda mmarima ne Yerusalemfo; nnipa bɛtena kurow yi mu afebɔɔ. 26  Na nkurɔfo befi Yuda nkurow ne Yerusalem ho ne Benyamin+ asase so ne mmepɔw ase+ ne mmepɔw so+ ne Negeb+ de ɔhyew afɔre+ ne ayɛyɛde+ ne aduan afɔre+ ne ɛhyɛ+ ne aseda afɔre aba Yehowa fie.+ 27  “‘“Na sɛ moantie me antew homeda no ho na mosoa nnesoa bɛfa Yerusalem kurow apon mu homeda a,+ ɛnde me nso mede ogya bɛto n’apon mu,+ na ɛbɛhyew Yerusalem abantenten,+ na ɛrennum.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Hebri mu, “wɔwae fi me ho,” kyerɛ sɛ, Yehowa ho.