Yeremia 2:1-37

2  Na Yehowa asɛm baa me nkyɛn+ sɛ:  “Kɔ, na kɔka gu Yerusalem asom sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni:+ “Mekae wo mmabaabere+ mu adɔe ne ɔdɔ a wunyae bere a misii wo asiwa,+ na wudii m’akyi sare no so, asase a wonguu so aba so no.+  Ná Israel yɛ kronkron ma Yehowa,+ N’aba a edi kan.”’+ ‘Wɔn a wɔbɛmene no nyinaa bedi fɔ.+ Mmusu na ɛbɛba wɔn so,’ Yehowa asɛm ni.”+  O Yakob fie,+ ne Israel fie mmusua nyinaa, muntie Yehowa asɛm.+  Nea Yehowa aka ni: “Dɛn na mo agyanom ahu wɔ me ho a ɛnteɛ,+ a enti wɔatwe wɔn ho afi me ho koraa saa,+ na wɔakodi abosonhuhuw+ akyi ama wɔn nso adan ahuhufo yi?+  Wɔammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he, Nea oyii yɛn fii Egypt+ asase so no, Nea odii yɛn anim faa sare so+ ne tataw so ne amoa mu, asase a nsu+ nni so na ɛyɛ sum kabii,+ asase a onipa biara mfaa so da na ɔdesani biara ntenaa so da no?’  “Meyɛɛ mo nkakrankakra de mo baa turo asase so sɛ mummedi ɛso aba ne emu nnepa.+ Nanso mobae beguu m’asase ho fĩ; m’agyapade no, modan no akyide.+  Asɔfo no mpo ammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he?’+ Wɔn a wokura mmara no nso, na wonnim me.+ Nguanhwɛfo no nso buu me mmara so,+ na adiyifo no hyɛɛ nkɔm wɔ Baal din mu,+ na wɔn a wɔamfa mfaso biara ammrɛ wɔn na wodii wɔn akyi.+  “‘Ɛno nti, me ne mo bedi asi bio,’+ Yehowa asɛm ni, ‘na mo mma mma nso, me ne wɔn bedi asi.’+ 10  “‘Nanso muntwam nkɔ Kitim+ mpoano nsase so nkɔhwɛ, na monsoma nkɔ Kedar+ nkɔhwehwɛ mu yiye, na monhwɛ sɛ biribi saa asi pɛn anaa.+ 11  So ɔman bi asesa n’anyame+ akɔfa nea ɛnyɛ anyame pɛn?+ Nanso me man asesa m’anuonyam akɔfa nea mfaso biara nni so.+ 12  O mo ɔsoro, momfa ahodwiriw nhwɛ eyi, na mo ho nwosow biribiri,’ Yehowa asɛm ni,+ 13  ‘efisɛ bɔne abien na me man ayɛ: Wɔagyaw me+ a meyɛ nkwa nsuti+ no sɛ wɔrekotu mmura, mmura a apaapae a nsu ntumi nnyina mu.’ 14  “‘Israel yɛ akoa+ anaa ɔyɛ ofienipa? Dɛn nti na wadan afow ade yi? 15  Agyata bobom+ na wɔpa so gu ne so.+ Wɔama n’asase ayɛ ahodwiriwde. Wɔahyehyew ne nkurow, na obi nte mu.+ 16  Nof+ ne Tapanes+ mma nso bedidi wo ho ama wo tiri ho atutu.+ 17  Ɛnyɛ eyi na wode yɛɛ wo ho, sɛ wugyaw Yehowa wo Nyankopɔn+ bere a ɔne wo nam ɔkwan so no?+ 18  Na afei dɛn na wubenya wɔ Egypt+ kwan so a enti worekɔ akɔnom Sihor mu nsu yi?+ Na dɛn na wubenya wɔ Asiria+ kwan so a enti worekɔ akɔnom asubɔnten kɛse no mu nsu yi? 19  Wo bɔne bɛteɛ wo so+ na wo nkontompo aka w’anim.+ Hwɛ na hu sɛ ɛyɛ bɔne ne ade a ɛyɛ nwene+ sɛ woagyaw Yehowa wo Nyankopɔn no, a me ho hu biara nni wo mu,’+ Awurade Tumfoɔ+ asafo Yehowa asɛm ni. 20  “‘Mifi tete na mibubuu wo kɔndua+ mu asinasin; metetew wo nkyehama mu. Nanso wokae sɛ: “Merensom wo,” efisɛ wodaa+ nkoko atenten nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa ase bɔɔ aguaman.+ 21  Me de, miduaa wo sɛ bobe kɔkɔɔ a eye;+ ná ne nyinaa yɛ aba pa. Na ɛyɛɛ dɛn na woadan ananafo bobe bɔne ama me yi?’+ 22  “‘Na sɛ wode gyakisi guare, na wofa samina+ ma ɛdɔɔso mpo a, w’amumɔyɛ yɛ m’anim nkekae ara,’+ Awurade Tumfoɔ asafo Yehowa asɛm ni. 23  Adɛn na woka sɛ, ‘Minguu me ho fĩ,+ na Baal anyame nso minkodii wɔn akyi’?+ Hwɛ wo kwan wɔ bon+ no mu na hu nea woayɛ. Wote sɛ yomabere a otu mmirika di akɔneaba basabasa n’akwan mu; 24  sare so afurum+ a wuram akokwaw no a ne kra akɔnnɔ mu ɔtwe mframa;+ sɛ ne bere du sɛ wɔforo no a, hena na obesianka no? Wɔn a wɔrehwehwɛ no nyinaa renhaw wɔn ho. Ne sram mu na wobehu no. 25  Hwɛ wo nan yiye na wo nan angu fam, ne wo menewa na osukɔm anne wo.+ Nanso wokae sɛ, ‘Mfaso biara nni so!+ Ananafo+ na medɔ wɔn na wɔn akyi na medi.’+ 26  “Sɛnea wɔkyere ɔkorɔmfo a n’ani wu no, saa na Israel fie ani awu,+ wɔn ne wɔn ahene ne wɔn mpanyimfo ne wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo.+ 27  Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Me papa ne wo,’+ ne ɔbo nso sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Na me de, wɔn kɔn akyi na wɔadan akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Wɔn amanehunu bere mu de, wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na gye yɛn!’+ 28  “Mo anyame a moayeyɛ afa no wɔ he?+ Sɛ wobetumi agye mo wɔ mo amanehunu bere mu a,+ momma wɔnsɔre. Sɛnea mo nkurow dodow te no, saa ara na mo anyame nso dodow te, O Yuda.+ 29  “‘Dɛn nti na mo ne me redi asi yi?+ Dɛn nti na mo nyinaa ayɛ me bɔne yi?’+ Yehowa asɛm ni. 30  Mabobɔ mo mma kwa.+ Wɔannye nteɛso biara antom.+ Mo nkrante akunkum mo adiyifo te sɛ gyata a ɔsɛe ade.+ 31  O awo ntoatoaso, munhu Yehowa asɛm.+ “Madan sare so anaa asase a aduru sum kabii ama Israel+ anaa? Dɛn nti na me man aka sɛ, ‘Yɛnenam. Yɛremma wo nkyɛn bio’ yi?+ 32  So ɔbaabun werɛ betumi afi n’agude, na ayeforo werɛ betumi afi n’abɔso? Nanso me man de, wɔn werɛ afi me, nna pii a wontumi nkan.+ 33  “O ɔbea, dɛn nti na wusiesie wo kwan de pɛ adɔfo? Ɛno nti, nneɛma bɔne mu na wokyerɛkyerɛ w’akwan.+ 34  Afei nso, wo ntade mu na wohu ahiafo a wodi bem+ akra mogya.+ Manhu sɛ wobubu kɔɔ mu, nanso akekã eyinom nyinaa mu.+ 35  “Na woka sɛ, ‘Bɔne bi nni me ho, na n’abufuw adan afi me so.’+ “Hwɛ, me ne wo bedi, efisɛ woka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne.’+ 36  Dɛn nti na wubu wo kwan a woasesã no sɛ ade ketewa bi yi?+ Egypt ho nso, w’ani bewu+ sɛnea w’ani wui Asiria+ ho no. 37  Ɛhɔ nso na wubefi aba a wo nsa gu wo ti so,+ efisɛ Yehowa apo wɔn a wode wo ho ato wɔn so no, na ɛrensi wo yiye wɔn nkyɛn.”

Ase Hɔ Nsɛm