Yeremia 20:1-18

20  Bere a Yeremia reka nkɔmhyɛ nsɛm no nyinaa no, na Imer+ ba Pasur, ɔsɔfo a ɔyɛ Yehowa fie so otitiriw no retie.+  Ɛnna Pasur boroo odiyifo Yeremia,+ na ɔde no bɔɔ dua mu+ wɔ Benyamin Atifi Ponkɛse a ɛwɔ Yehowa fie no mu.  Na ɛbae sɛ ade kyee no, Pasur yii Yeremia fii dua+ no mu, na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ Pasur na Yehowa bɛfrɛ wo bio,+ na mmom ɔbɛfrɛ wo Magor-Misabib.*+  Efisɛ nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mɛma woabɔ hu, wo ne w’adɔfo nyinaa, na wɔbɛtotɔ wɔn atamfo nkrante ano+ ma w’aniwa ahu;+ mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde wɔn bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon, na ɔde nkrante abobɔ wɔn.+  Mede kurow yi mu nneɛma a wɔaboaboa ano nyinaa ne ne nnɔbae nyinaa ne n’aboɔdenne nyinaa bɛma, na Yuda ahene ademude nyinaa nso, mede bɛhyɛ wɔn atamfo nsa.+ Wɔbɛfow na wɔafa de akɔ Babilon.+  Na wo Pasur, wo ne wo fiefo nyinaa bɛkɔ nkoasom mu;+ wobɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na wubewu, na ɛhɔ na wobesie wo ne w’adɔfo nyinaa,+ efisɛ woahyɛ wɔn nkɔntoro.’”+  O Yehowa, woadaadaa me, na mama woadaadaa me. Wode w’ahoɔden abu afa me so, na woadi nkonim.+ Madan asereserede daa nyinaa; obiara di me ho fɛw.+  Daa merekasa a, meteɛm. Awudisɛm ne afowfa na ɛma misu frɛ wo,+ efisɛ Yehowa asɛm ama mayɛ ahohora ne nsopa daa nyinaa.+  Ɛnna mekae sɛ: “Meremmɔ ne din, na merenkasa ne din mu bio.”+ Nanso ɛyɛɛ me komam sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu me nnompe mu; mebrɛe, na mantumi ankura mu bio.+ 10  Metee nnipa pii nsekudi.+ Ná ahude wɔ baabiara. “Monka mma wɔnte, na yɛnka ne ho asɛm no bi.”+ Onipa biara a ɔka kyerɛ me sɛ “Asomdwoe” no, ɔno nso rehwehwɛ sɛ mɛwatriw.+ Wɔka sɛ: “Ebia wɔbɛdaadaa no,+ na yɛadi no so nkonim na yɛatɔ no so were.” 11  Nanso Yehowa gyina m’akyi+ sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti na m’ataafo behintiw na wɔrennyina no.+ Wɔn ani bewu paa, efisɛ ɛrensi wɔn yiye. Wɔn aniwu no rentwam da, na werɛ remfi da.+ 12  O asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔtreneeni mu;+ wo na wuhu asaabo ne koma+ mu. Ma minhu aweredi a wode bɛba wɔn so,+ efisɛ wo na mede m’asɛm adan wo.+ 13  Monto dwom mma Yehowa! Munyi Yehowa ayɛ! Na wagye ohiani kra afi abɔnefo nsam.+ 14  Nnome nka da a wɔwoo me no! Ɛda a me maame woo me no, mma wonnhyira saa da no!+ 15  Nnome nka ɔbarima a ɔbɛkaa asɛmpa kyerɛɛ me papa sɛ: “Wɔawo ɔbabarima ama wo” no! Ɔma odii ahurusi.+ 16  Ma saa ɔbarima no nyɛ sɛ nkurow a Yehowa abutuw nanso anyɛ No yaw no.+ Ma ɔnte osũ anɔpa, na awia ketee nso, ɔnte ɔko torobɛnto nka.+ 17  Dɛn nti na wankum me prɛko ɔyafunu mu, na me maame anyɛ m’amusiei, na ne nyinsɛn anka ne yam daa?+ 18  Dɛn nti koraa na mifi yafunu mu bae+ sɛ merebehu adwumaden ne awerɛhow+ na me nna aba awiei aniwu mu?+

Ase Hɔ Nsɛm

Ase ne, “Ehu wɔ afa nyinaa.”