Yeremia 21:1-14

21  Asɛm+ a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a Ɔhene Sedekia+ somaa Malkiya ba Pasur+ ne Maaseia ba, ɔsɔfo Sefania+ baa ne nkyɛn no ni:  “Yɛsrɛ wo, bisa Yehowa ma yɛn,+ efisɛ Babilon hene Nebukadresar ne yɛn rebɛko.+ Ebia Yehowa bɛyɛ n’ahoɔden nnwuma no bi de aboa yɛn ma wafi yɛn so akɔ.”+  Ɛnna Yeremia kae sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Sedekia sɛ,  ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Hwɛ, meredan mo nsam akode aba mo so, akode a mo ne Babilon+ hene ne Kaldeafo+ a wɔatwa mo ho ahyia wɔ ɔfasu no akyi, de reko no, na mɛboa ano aba kurow yi mfinimfini.+  Na me ara mede basa a ateɛ ne basa a ɛyɛ den ne abufuw ne abohuru ne anibere kɛse+ ne mo bɛko.+  Na mekunkum kurow yi mufo, nnipa ne mmoa nyinaa. Mede owuyare kɛse na ebekunkum wɔn.”’+  “‘“Ɛno akyi no,” Yehowa asɛm ni, “Yuda hene Sedekia ne ne nkoa ne ɔmanfo no ne kurow yi mu nnipa a owuyare ne nkrante ne ɔkɔm no ankunkum wɔn no, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa, ne wɔn atamfo nsa, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa, na ɔde nkrante bekunkum wɔn.+ Wɔn asɛm renyɛ no awerɛhow, ne yam renhyehye no mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ+ nso.”’  “Enti ka kyerɛ nkurɔfo yi sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mede nkwa kwan ne owu kwan resi mo anim.+  Obiara a ɔbɛtena kurow yi mu no, nkrante ne ɔkɔm ne owuyare+ na ebekum no, na obiara a obefi adi de ne ho akɔma Kaldeafo a wɔatwa mo ho ahyia no bɛtena nkwa mu, na obenya ne kra sɛ asade.”’+ 10  “‘“Mede m’ani asi kurow yi so sɛ mmusu na ɛmmra so, na ɛnyɛ adepa,”+ Yehowa asɛm ni. “Wɔde bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde ogya bɛhyew.”+ 11  “‘Afei Yuda hene fiefo nso, muntie Yehowa asɛm.+ 12  O Dawid fie,+ nea Yehowa aka ni: “Anɔpa biara+ mummu atɛntrenee+ na munnye nea wɔresisi no mfi osisifo nsam,+ na m’abufuw amfi adi sɛ ogya+ ammɛhyew a obi ntumi nnum no, mo nneyɛe bɔne nti.”’+ 13  “‘Wo a wote asasetaw so,+ asase tamaa so botan, hwɛ, me ne wo anya,’ Yehowa asɛm ni. ‘Mo a moka sɛ: “Hena na obesian aba yɛn so? Na hena na ɔbɛba yɛn atenae?”+ no, 14  me nso mɛma moabu mo nneyɛe+ ho akontaa,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Mede ogya bɛto ne kwae+ mu, na ɛbɛsɛe nea atwa ne ho ahyia nyinaa.’”+

Ase Hɔ Nsɛm