Yeremia 22:1-30

22  Nea Yehowa aka ni: “Sim kɔ Yuda hene fie na kɔka asɛm yi wɔ hɔ.  Ka sɛ, ‘O Yuda hene a wote Dawid ahengua so,+ tie Yehowa asɛm, wo ne wo nkoa ne wo manfo a wɔfa aponkɛse yi mu ba mu no.+  Nea Yehowa aka ni: “Mummu atɛntrenee na monyɛ adetrenee, na munnye nea wɔresisi no mfi osisifo nsam; monnteetee ɔhɔho, agyanka anaa okunafo biara.+ Munnni wɔn so atirimɔdensɛm.+ Monnka mogya a edi bem biara nngu wɔ ha.+  Sɛ mohwɛ di asɛm yi so a, ɛnde ahene a wɔbɛtena Dawid ahengua so+ bɛfa ofie yi apon mu aba mu, na obiara bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, ɔne ne nkoa ne ne manfo.”’+  “‘Na sɛ moantie nsɛm yi a,’ Yehowa asɛm ni, ‘meka me ho ntam+ sɛ ofie yi bɛsɛe pasaa.’+  “Nea Yehowa aka wɔ Yuda hene fie ho ni, ‘Wote sɛ Gilead ma me, Lebanon+ ti. Nanso mɛma woadan sare so;+ obi rentena nkurow no biako mpo mu.+  Mehyira asɛefo so aba wo so,+ obiara de n’akode bɛba,+ na wobetwitwa nkyeneduru+ a ɛyɛ papa no na wɔde agu ogya+ mu.  Na aman pii betwam kurow yi ho, na obiara bebisa ne yɔnko sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ kurow kɛse yi sɛɛ?”+  Na wɔbɛka sɛ: “Efisɛ wɔagyaw Yehowa, wɔn Nyankopɔn no apam,+ na wɔakɔkotow anyame foforo asom wɔn.”’+ 10  “Munnsu nea wawu no,+ na munnnyam no. Nea ɔrekɔ no mmom na montew nusu mma no efisɛ ɔrensan mma, na ɔrenhu n’abusuafo asase bio. 11  Nea Yehowa aka wɔ Yosia ba Salum,+ Yuda hene a odi ne papa Yosia ade,+ a wafi ha kɔ no ho ni, ‘Ɔrensan mma ha bio. 12  Baabi a wɔafa no kɔ nkoasom mu no, ɛhɔ na obewu, na ɔrenhu asase yi bio.’+ 13  “Nnome nka nea osi ne fie+ nanso ɛnyɛ trenee so, na osi n’abansoro nanso ɛnyɛ atɛntrenee so, nea ɔma ne yɔnko nipa yɛ adwuma kwa a ɔmfa n’akatua mma no;+ 14  ɔno na ɔka sɛ, ‘Mesi ofie a emu sõ na ɛwɔ abansoro adan akɛse,+ na mɛtrɛw ne mfɛnsere mu, mede nkyeneduru bɛsɛm mu,+ na mede adukɔkɔɔ+ aka mu.’ 15  Nkyeneduru a wode hoahoa wo ho nti, ɛyɛ wo sɛ wobɛkɔ so adi hene? Wo papa annidi annom na wammu atɛntrenee anyɛ adetrenee+ anaa? Ɛno nti esii no yiye.+ 16  Odii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no.+ Ɛno nti esii no yiye. ‘Ɛnyɛ nim a onim me nti na ɔyɛɛ saa?’ Yehowa asɛm ni. 17  ‘Wo de, w’aniwa ne wo koma nni biribiara so sɛ mfaso bɔne,+ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm mogya a wubehwie agu,+ ne nsisi ne apoobɔ.’ 18  “Enti nea Yehowa aka wɔ Yosia ba Yehoiakim+ a ɔyɛ Yuda hene ho ni, ‘Wɔrennyam no sɛ: “O me nuabarima! O me nuabea!” Wɔrennyam no sɛ: “O yɛn wura! O onuonyamfo!”+ 19  Wobesie no sɛnea wosie afurum,+ wɔbɛtwe no akɔtow no akyene Yerusalem kurow apon akyi nohoa.’+ 20  “Foro kɔ Lebanon+ kosu, na ma wo nne so wɔ Basan.+ Teɛm fi Abarim,+ efisɛ w’adɔfo nyinaa abubu.+ 21  Mekasa kyerɛɛ wo w’asomdwoe bere mu.+ Nanso wokae sɛ, ‘Merentie.’+ Saa ara na woayɛ fi wo mmofraase, na woantie me.+ 22  Mframa na ɛbɛyɛn wo nguanhwɛfo,+ na w’adɔfo nso, nkoasom mu na wɔbɛkɔ.+ Saa bere no, w’ani bewu na animguase aka wo, w’amanehunu no nyinaa nti.+ 23  O wo a wote Lebanon,+ woayɛ wo berebuw nkyeneduru+ mu. Sɛ awoko+ ne awo yaw ba wo so sɛ ɔbea a awo aka no a,+ hwɛ sɛnea wubegu ahome!” 24  “‘Sɛ́ mete ase yi,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛ Yehoiakim+ ba, Yuda hene Konia+ yɛ me nsa nifa nsɔanokaa+ mpo a, meyi wo afi hɔ!+ 25  Na mede wo bɛhyɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra+ no nsa ne wɔn a wusuro wɔn no nsa ne Babilon hene Nebukadresar nsa ne Kaldeafo no nsa.+ 26  Metu wo ne wo maame+ a ɔwoo wo akɔ asase a wɔanwo mo wɔ so no so, na ɛhɔ na mubewu.+ 27  Na asase a wɔn kra bɛpɛ sɛ wɔsan ba so no, wɔrensan mma so bio.+ 28  Ɔbarima Konia+ yi te sɛ anwenne a wommu a abubu pasaa+ anaa kuku a obiara ani nnye ho anaa?+ Dɛn nti na wɔretu ɔne n’asefo agu, na wɔde wɔn akogu asase a wonnim so so?’+ 29  “O asase, asase, asase, tie Yehowa asɛm.+ 30  Nea Yehowa aka ni, ‘Monkyerɛw wɔ ɔbarima yi ho sɛ obi a onni ba,+ ɔbarima a ɛrensi no yiye wɔ ne nna mu, efisɛ n’aseni biara nni hɔ a ebesi no yiye+ ma watena Dawid ahengua so+ adi ade wɔ Yuda bio.’”

Ase Hɔ Nsɛm