Yeremia 23:1-40

23  “Nguanhwɛfo a wɔsɛe m’adidibea nguan bɔ wɔn hwete no nnue!”+ Yehowa asɛm ni.  Enti nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka atia ahwɛfo a wɔhwɛ me man no ni: “Mo na moabɔ me nguankuw ahwete, moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn.”+ “Hwɛ, meredan m’ani aba mo so, mo nneyɛe bɔne nti,”+ Yehowa asɛm ni.  “Na me ara mɛboaboa me nguankuw nkae ano afi nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔayɛ bebree.+  Na mede ahwɛfo a wɔbɛhwɛ wɔn besisi wɔn so;+ wɔrensuro bio, na ehu biara nso renka wɔn,+ na wɔn mu biara renyera,” Yehowa asɛm ni.  “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma trenee duforo bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bedi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ ade na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase no so.+  Ne nna mu no, wobegye Yuda,+ na Israel bɛtena ase dwoodwoo.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne, Yehowa Ne Yɛn Trenee.”+  “Ɛno nti hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na wɔrenka bio sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a oyii Israel fii Egypt asase so bae no te ase yi,’+  na mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a oyii Israel fie asefo fii atifi fam asase so ne nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so bae no te ase yi,’ na wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”+  Me koma abubu wɔ me mu, adiyifo no ho. Me nnompe nyinaa rewosow. Yehowa ne ne nsɛm kronkron nti, mayɛ sɛ ɔbarima a wabow,+ ɔbarima a nsa abow no. 10  Awaresɛefo+ na wɔahyɛ asase no so ma.+ Nnome no nti, asase no redi awerɛhow,+ sare so adidibea akisa;+ wɔn nneyɛe yɛ bɔne, na wɔn tumidi nteɛ. 11  “Odiyifo ne ɔsɔfo mpo ho agu fĩ.+ Mahu wɔn bɔne no wɔ me fie+ nso,” Yehowa asɛm ni. 12  “Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ sɛ ɔkwan torotoro wɔ esum kabii mu,+ na ɛso na wobepiapia wɔn ma wɔahwehwe ase.”+ “Na mede mmusu bɛba wɔn so, wɔn akontaabu afe no,”+ Yehowa asɛm ni. 13  “Mahu ade a ɛnteɛ wɔ Samaria+ adiyifo mu. Wɔyɛ adiyifo a wɔkasa ma Baal,+ na wɔma me man Israel de wɔn ti pempem.+ 14  Na mahu ahodwiriwde+ wɔ Yerusalem adiyifo mu. Wɔsɛe aware,+ na wɔnantew nkontompo mu;+ wɔhyɛ abɔnefo nsam den, nea ɛbɛyɛ na wɔn mu biara rensan+ mfi ne bɔne ho. M’ani so no, wɔn nyinaa ayɛ sɛ Sodom,+ na wɔn a wɔtete hɔ no ayɛ sɛ Gomora.”+ 15  Enti nea asafo Yehowa aka wɔ adiyifo no ho ni: “Mɛma wɔn awɔnwene adi, na mama wɔn awuduru nsu anom,+ efisɛ Yerusalem adiyifo mu na ɔwae+ afi kɔ asase no nyinaa so.” 16  Nea asafo Yehowa aka ni: “Munntie adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+ Wɔrema moadan ahuhude.+ Wɔn koma so anisoadehu na wɔka,+ emfi Yehowa anom.+ 17  Ka ara na wɔka kyerɛ wɔn a wommu me no sɛ, ‘Yehowa aka sɛ: “Asomdwoe na mubenya.”’+ Na obiara a odi n’atuatew koma akyi no nso,+ wɔka kyerɛ no sɛ, ‘Mmusu biara remma mo so.’+ 18  Hena na ɔne Yehowa anya ayɔnkofa+ ahu n’asɛm na wate?+ Hena na wawɛn n’aso na wate n’asɛm?+ 19  Hwɛ! Yehowa ahum, n’abufuw no, betu, mframa a edi kyinhyia no.+ Ebetwa ne ho wɔ abɔnefo atifi.+ 20  Yehowa abufuw rensan kosi sɛ ɔbɛyɛ+ ne komam nsusuwii na wama aba mu.+ Awiei nna no mu no, mode mo adwene bɛkɔ so na moate ase.+ 21  “Mansoma adiyifo no, wɔn ankasa na wotutuu mmirika. Manka hwee ankyerɛ wɔn, wɔn ankasa na wɔhyehyɛɛ nkɔm.+ 22  Sɛ wɔne me nyaa ayɔnkofa+ a, anka wɔbɛma me man ate me nsɛm, na wɔbɛma wɔasan afi wɔn kwammɔne ne wɔn nneyɛe bɔne no ho.”+ 23  “So menyɛ Onyankopɔn a ɔbɛn,” Yehowa asɛm ni, “na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri+ nso?” 24  “Anaa obi betumi ahintaw hintabea a merenhu no?”+ Yehowa asɛm ni. “So menhyɛɛ ɔsoro ne asase nyinaa mã?”+ Yehowa asɛm ni. 25  “Mate nea adiyifo a wɔhyɛ nkɔntoro wɔ me din+ mu no keka no sɛ, ‘Maso dae! Maso dae!’+ 26  Adiyifo a wɔhyɛ nkɔntoro ne adiyifo a wɔka wɔn komam nnaadaasɛm+ no, ɛbɛtena wɔn komam akosi da bɛn? 27  Wodwen sɛnea wɔde wɔn adae a wɔkeka kyerɛ wɔn ho+ no bɛma me man werɛ afi me din sɛnea Baal+ nti wɔn agyanom werɛ fii me din no. 28  Odiyifo a ɔsõ dae no, ma ɔnka dae no, na nea m’asɛm wɔ ne nkyɛn no, ma ɔnka m’asɛm no nokwarem.”+ “Dɛn na ntɛtɛwa ne awi wɔ yɛ?”+ Yehowa asɛm ni. 29  “So m’asɛm nte sɛ ogya,”+ Yehowa asɛm ni, “ɛnte sɛ asae a ebubu ɔbotan pasaa?”+ 30  “Enti me ne adiyifo no anya,”+ Yehowa asɛm ni, “wɔn a wowia me nsɛm fi wɔn yɔnko hɔ no.”+ 31  “Hwɛ, me ne adiyifo no anya,” Yehowa asɛm ni, “wɔn a wɔde wɔn tɛkrɛma keka sɛ, ‘N’anom asɛm ni!’ no.”+ 32  “Hwɛ, me ne adiyifo a wɔsosõ atoro adae no anya,” Yehowa asɛm ni, “wɔn a wɔkeka adae, a wɔn nkontompo+ ne wɔn ahohoahoa+ nti, wɔma me man de wɔn ti pempem no.” “Nanso mansoma wɔn, na manhyɛ wɔn. Ɛno nti wɔremfa mfaso biara mmrɛ ɔman yi,”+ Yehowa asɛm ni. 33  “Na sɛ ɔman yi anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bisa wo sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duru bɛn na ɛwɔ hɔ?’ a,+ wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Mo nkurɔfo yi, moyɛ adesoa a emu yɛ duru yiye!+ Na mɛpo mo,”+ Yehowa asɛm ni.’ 34  Na odiyifo anaa ɔsɔfo anaa ɔman yi muni a ɔka sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duru!’ no, me nso mede m’ani besi onii no so, ɔne ne fie.+ 35  Mo nyinaa, nea obiara ka kyerɛ ne yɔnko ne ne nua ne sɛ, ‘Dɛn na Yehowa abua? Na dɛn na Yehowa aka?’+ 36  Nanso Yehowa asɛm a emu yɛ duru no,+ munnyae ka,+ efisɛ asɛm a emu yɛ duru no adan mo ara mo anom asɛm,+ na Onyankopɔn teasefo no,+ asafo Yehowa, yɛn Nyankopɔn nsɛm no, moasesa no. 37  “Nea ka kyerɛ saa odiyifo no ne sɛ, ‘Dɛn na Yehowa abua wo? Na dɛn na Yehowa aka?+ 38  Na sɛ mokɔ so ka sɛ “Yehowa asɛm a emu yɛ duru!” a, ɛnde nea Yehowa aka ni: “Esiane sɛ moka sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duru no ni,’ bere a mesoma baa mo nkyɛn mpɛn pii sɛ, ‘Monnka sɛ: “Yehowa asɛm a emu yɛ duru ni!” nti,’ 39  hwɛ! Merebegyae mo asɛm ama mo koraa,+ na mapo mo ne kurow a mede maa mo ne mo agyanom no wɔ m’anim.+ 40  Na mede daa ahohora bɛba mo so na mama animguase aka mo daa, na werɛ remfi da.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm