Yeremia 24:1-10

24  Yehowa ma mehwɛe, na mihuu borɔdɔma nkɛntɛn abien wɔ Yehowa asɔrefie no anim. Saa bere no, na Babilon hene Nebukadresar afa Yehoiakim+ ba Yekonia,+ Yuda hene no ne Yuda mpanyimfo ne adwumfo+ ne abantofo no afi Yerusalem de wɔn kɔ Babilon.+  Ná kɛntɛn biako mu borɔdɔma no ye paa te sɛ borɔdɔmakan,+ na kɛntɛn biako no mu borɔdɔma no de, enye koraa, na oye a enye nti, wontumi nni.  Na Yehowa bisaa me sɛ: “Yeremia, dɛn na wuhu?” Ɛnna mekae sɛ: “Borɔdɔma; borɔdɔma a eye no ye paa, na nea enye no nso, enye koraa ma oye a enye nti, wontumi nni.”+  Ɛnna Yehowa asɛm baa me nkyɛn sɛ:  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Sɛnea borɔdɔma a eye yi te no, saa na mebu Yuda nnommum a mede wɔn befi ha akɔ Kaldeafo asase so+ no sɛ woye.+  Na mede m’ani besi wɔn so ɔkwan pa so,+ na mɛma wɔasan aba asase yi so.+ Mede wɔn besisi hɔ, na merennwiriw wɔn; medua wɔn, na merentutu wɔn ase.+  Na mɛma wɔanya koma a wɔde behu me+ sɛ mene Yehowa; wɔbɛyɛ me man+ na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.+  “‘Sɛnea borɔdɔma a oye a enye nti wontumi nni no te no,+ Yehowa aka sɛ: “Saa na meyi Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanyimfo ne Yerusalem nkae a wɔaka asase yi so+ ne wɔn a wɔtete Egypt+ asase so no ama​—  meyi wɔn ama de mmusu aba wɔn so ama asase so ahenni nyinaa awosow,+ na mɛma wɔayɛ ahohorade, na wɔde wɔn bɛka asɛm aserew asopa wɔn,+ na wɔayɛ nnome,+ baabiara a mɛhwete wɔn akɔ.+ 10  Na mede nkrante+ ne ɔkɔm+ ne owuyare+ bɛba wɔn so akosi sɛ wɔbɛsa afi asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm