Yeremia 26:1-24

26  Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no ahenni mfiase no, asɛm yi fi Yehowa hɔ bae sɛ:  “Nea Yehowa aka ni, ‘Kogyina Yehowa fie adiwo,+ na Yuda nkurow a wɔba Yehowa fie bɛkotow wɔ hɔ no nyinaa, ka nsɛm a mɛhyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛ wɔn.+ Nyi asɛm biako mpo mfi mu.+  Ebia wobetie na wɔasan wɔn akyi ma obiara adan afi ne kwammɔne so,+ na magyae mmusu a mabɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛe bɔne nti mede bɛba wɔn so no.+  Na ka kyerɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ moantie me annantew me mmara+ a mede asi mo anim no mu,+  na moantie me nkoa adiyifo a mesoma wɔn mo nkyɛn, a mesɔre anɔpahema soma wɔn nanso muntie wɔn no nsɛm+ a,  ɛnde me nso, mɛyɛ ofie yi sɛ nea na ɛwɔ Silo+ no, na mɛma kurow yi ayɛ nnome ama asase so aman nyinaa.’”’”+  Na asɔfo ne adiyifo ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi wɔ Yehowa fie+ hɔ.  Enti bere a Yeremia kaa nsɛm no nyinaa wiei sɛnea Yehowa hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa no, asɔfo ne adiyifo ne ɔman no nyinaa bɛkyeree no kae sɛ: “Owu na wubewu.+  Dɛn nti na wode Yehowa din ahyɛ nkɔm sɛ, ‘Ofie yi bɛyɛ sɛ nea na ɛwɔ Silo+ no, na kurow yi bɛsɛe pasaa a obi rentena mu bio’?” Na ɔman no nyinaa betwaa Yeremia ho hyiae wɔ Yehowa fie hɔ. 10  Akyiri yi, Yuda mpanyimfo no tee nsɛm yi, na wofi ahemfie baa Yehowa fie hɔ,+ na wɔbɛtenatenaa ase, Yehowa pon foforo no ano.+ 11  Na asɔfo ne adiyifo no ka kyerɛɛ mpanyimfo ne ɔman no nyinaa sɛ: “Ɔbarima yi fata owu afobu,+ efisɛ wahyɛ kurow yi ho nkɔm sɛnea mo nso moate wɔ mo asom yi.”+ 12  Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mpanyimfo no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: “Yehowa na ɔsomaa me sɛ menhyɛ ofie yi ne kurow yi ho nkɔm nka nsɛm a motee no nyinaa.+ 13  Na afei monyɛ mo akwan ne mo nneyɛe yiye,+ na muntie Yehowa mo Nyankopɔn, na Yehowa begyae mmusu a waka sɛ ɔde bɛba mo so no.+ 14  Na me de, hwɛ, mewɔ mo nsam.+ Nea eye na ɛteɛ mo ani so biara no, momfa nyɛ me.+ 15  Nanso munhu sɛ, sɛ mukum me a, mogya a edi bem na mode begu mo ne kurow yi ne emufo so,+ efisɛ ampa ara, Yehowa na ɔsomaa me mo nkyɛn sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nkyerɛ mo.”+ 16  Ɛnna mpanyimfo+ no ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfo ne adiyifo no sɛ: “Owu afobu mfata ɔbarima yi,+ efisɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn.”+ 17  Bio nso, asase no so mpanyimfo no mu bi sɔree, na wɔka kyerɛɛ nnipa a wɔabɔ gua no nyinaa sɛ:+ 18  “Mika+ a ofi Moreset+ hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda+ hene Hesekia bere so, na ɔka kyerɛɛ Yudafo nyinaa sɛ: ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afusase,+ na wobedwiriw Yerusalem asum hɔ,+ na Asɔrefie bepɔw no bɛyɛ sɛ kwae mu nkoko.”’+ 19  So Yuda hene Hesekia ne Yudafo nyinaa kum no? Ɛnyɛ Yehowa na osuroo no, na odwudwoo Yehowa bo+ ma Yehowa nso gyaee mmusu a ɔkae sɛ ɛbɛba wɔn so no?+ Enti sɛ anhwɛ a, mmusu kɛse na yɛde bɛba yɛn kra so.+ 20  “Ɔbarima bi nso tenaa ase a ɔhyɛɛ nkɔm Yehowa din mu, Semaia ba Uriya a ofi Kiriat-Yearim.+ Na ɔhyɛɛ nkɔm tiaa kurow yi ne asase yi sɛnea Yeremia nsɛm no nyinaa te. 21  Na Ɔhene Yehoiakim+ ne ne nnɔmmarima nyinaa ne mpanyimfo no nyinaa tee ne nsɛm no, na ɔhene pɛe sɛ okum no.+ Bere a Uriya tee no, ehu kaa no,+ na oguan kɔɔ Egypt. 22  Nanso Ɔhene Yehoiakim somaa mmarima kɔɔ Egypt​—ɔmaa Akbor+ ba Elnatan ne mmarima foforo kɔɔ Egypt. 23  Na wɔkɔfaa Uriya fii Egypt de no brɛɛ Ɔhene Yehoiakim, na ɔde nkrante kum no,+ na ɔtow ne funu kyenee ɔmanfo amusiei.” 24  Safan+ ba Ahikam+ nsa na edi boaa Yeremia, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔremfa no nhyɛ ɔman no nsa mma wonkum no.+

Ase Hɔ Nsɛm