Yeremia 28:1-17

28  Na afe no ara mu, Yuda hene Sedekia+ ahenni no mfiase, afe a ɛto so anan, ɔsram a ɛto so anum no, Asor ba odiyifo Hanania+ a ofi Gibeon+ no ka kyerɛɛ me, asɔfo no ne ɔman no nyinaa anim wɔ Yehowa fie hɔ sɛ:  “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Mebubu Babilon hene kɔndua no mu.+  Mfe abien pɛpɛɛpɛ, mɛsan de Yehowa fie anwenne a Babilon+ hene Nebukadnesar de fi ha kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio.’”  “‘Na Yehoiakim+ ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda atukɔfo a wɔde wɔn kɔ Babilon+ no nyinaa, meresan de wɔn aba ha,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mebubu Babilon hene kɔndua+ no mu.’”  Ɛnna odiyifo Yeremia kaa asɛm yi kyerɛɛ odiyifo Hanania, asɔfo no ne ɔmanfo a wogyinagyina Yehowa fie hɔ no nyinaa anim;+  asɛm a odiyifo Yeremia kae ne sɛ: “Amen!+ Yehowa nyɛ saa! Yehowa mma wo nsɛm a wode rehyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsan de Yehowa fie anwenne no ne atukɔfo no nyinaa afi Babilon aba ha no nyɛ hɔ!+  Nanso tie asɛm a mereka wɔ w’asom ne ɔman yi nyinaa asom yi.+  Adiyifo a wodii me ne wo nyinaa anim fi tete no,+ wɔn nso hyɛɛ nsase pii ne ahenni akɛse ho nkɔm sɛ ɔko ne mmusu ne owuyare bɛba wɔn so.+  Odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no,+ sɛ odiyifo no nsɛm ba mu a, ɛno na ɛma wohu sɛ Yehowa na ɔsomaa odiyifo no ampa.”+ 10  Ɛnna odiyifo Hanania yii kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn ho, na obubuu mu.+ 11  Na Hanania+ kae wɔ ɔman no nyinaa anim sɛ: “Nea Yehowa aka ni,+ ‘Saa ara na mfe abien pɛpɛɛpɛ, mebubu Babilon hene Nebukadnesar kɔndua no afi aman nyinaa kɔn ho.’”+ Ɛnna odiyifo Yeremia siim kɔɔ ne kwan.+ 12  Bere a odiyifo Hanania yii kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn ho bubuu mu akyi no, Yehowa asɛm baa Yeremia+ nkyɛn sɛ: 13  “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Dua kɔndua+ na woabubu mu, na dade kɔndua na wobɛyɛ asi ananmu.”+ 14  Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Dade kɔndua na mede bɛto amanaman no nyinaa kɔn ho ma wɔasom Babilon hene Nebukadnesar;+ ɔsom na wɔbɛsom no.+ Wuram mmoa mpo, mede wɔn bɛma no.”’”+ 15  Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania+ sɛ: “Tie ɛ, O Hanania! Yehowa nsomaa wo, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atosɛm so.+ 16  Enti nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ! Mereyi wo afi asase so. Afe yi, owu na wubewu,+ efisɛ woakasa atuatew so atia Yehowa.’”+ 17  Enti odiyifo Hanania wui saa afe no ara mu ɔsram a ɛto so ason no mu.+

Ase Hɔ Nsɛm