Yeremia 29:1-32

29  Krataa a odiyifo Yeremia de fi Yerusalem soma kɔmaa atukɔfo no mu mpanyimfo nkae ne asɔfo ne adiyifo ne ɔmanfo a Nebukadnesar de wɔn fi Yerusalem kɔɔ Babilon+ nkoasom mu no nyinaa mu nsɛm ni.  Ɔde kɔe bere a Ɔhene Yekonia+ ne ɔbaapanyin+ ne ahemfie mpanyimfo ne Yuda ne Yerusalem mpanyimfo+ ne adwumfo ne abantofo+ no fi Yerusalem kɔe no akyi.  Safan+ ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yuda hene Sedekia+ somaa wɔn Babilon sɛ wɔnkɔ Babilon hene Nebukadnesar nkyɛn no na ɔde maa wɔn kɔe. Emu nsɛm ni:  “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no reka akyerɛ atukɔfo a mama wɔafi Yerusalem kɔ Babilon nkoasom+ mu no ni,  ‘Munsisi afie na montenatena mu, na monyɛ nturo na munni emu aba.+  Monwareware yerenom na monwo mmabarima ne mmabea.+ Monwareware yerenom mma mo mmabarima na momfa mo mmabea mmoma aware na wɔnwo mmabarima ne mmabea, na monnɔɔso wɔ hɔ, monnyɛ kakraa bi.  Afei nso, monhwehwɛ asomdwoe mma kurow a mama moakɔyɛ nkoa wɔ hɔ no, na mommɔ Yehowa mpae mma kurow no, efisɛ sɛ enya asomdwoe a na mo nso mubenya asomdwoe.+  Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Mommma mo adiyifo a wɔwɔ mo mu no ne mo akɔmfo no nnnaadaa mo,+ na munntie wɔn adae a wɔsoso no.+  ‘Nkɔntoro na wɔhyɛ mo me din mu. Mensomaa wɔn,’+ Yehowa asɛm ni.”’” 10  “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mfe aduɔson no ba awiei wɔ Babilon a, mɛdan m’ani abɛhwɛ mo,+ na asɛmpa a mekae wɔ mo ho no, mɛma aba mu na masan ama moaba ha.’+ 11  “‘Me ara minim adwene a madwen mo ho,’+ Yehowa asɛm ni, ‘ɛyɛ asomdwoe adwene, na ɛnyɛ mmusu,+ sɛ mɛma mo daakye ne anidaso.+ 12  Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpae, na metie mo.’+ 13  “‘Mobɛhwehwɛ me, na mubehu me,+ efisɛ mode mo koma nyinaa na ɛbɛhwehwɛ me.+ 14  Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛboaboa mo atukɔfo no ano na mayi mo afi aman nyinaa mu ne mmeae a mebɔɔ mo hwetee no nyinaa,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛsan de mo aba faako a mede mo fi kɔɔ nkoasom mu no.’+ 15  “Nanso muse, ‘Yehowa ama adiyifo so ama yɛn wɔ Babilon.’ 16  “Nea Yehowa aka akyerɛ ɔhene a ɔte Dawid ahengua so+ ne nnipa a wɔtete kurow yi mu nyinaa, kyerɛ sɛ, mo nuanom a wɔne mo ankɔ nkoasom mu+ no ni, 17  ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Hwɛ, mede nkrante+ ne ɔkɔm+ ne owuyare+ bɛba wɔn so, na mɛma wɔayɛ sɛ borɔdɔma a aporɔw a oye a enye nti, wontumi nni.”’+ 18  “‘Na mede nkrante ne ɔkɔm ne owuyare bɛtaa wɔn so, na meyi wɔn ama na ama asase so ahenni nyinaa awosow,+ na mɛma wɔayɛ nnome ne ahodwiriwde ne ade a wɔhwɛ bɔ hwirema ne ahohora wɔ aman a mɛhwete wɔn akɔ so no nyinaa mu,+ 19  efisɛ wɔantie me nsɛm a mesɔree anɔpahema de somaa me nkoa adiyifo no kɔmaa wɔn no,’+ Yehowa asɛm ni. “‘Na mo nso moantie,’+ Yehowa asɛm ni. 20  “Na mo, atukɔfo+ a mede mo fi Yerusalem kɔ Babilon+ nyinaa, muntie Yehowa asɛm. 21  Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka wɔ Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔhyɛ nkɔntoro me din mu+ no ho ni, ‘Hwɛ, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa, na obekunkum wɔn mo anim.+ 22  Na mede wɔn besi hɔ sɛ nnome ama Yuda atukɔfo a wɔwɔ Babilon no nyinaa, na wɔbɛka sɛ: “Yehowa nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab+ a Babilon hene tõtõõ wɔn ogya mu+ no!” 23  efisɛ wodii nkwaseasɛm wɔ Israel,+ na wɔne wɔn yɔnko yerenom sɛee aware+ na wotwaa nkontompo wɔ me din mu kaa asɛm a menhyɛɛ wɔn.+ “‘“Mene Nea onim ne ɛho dansefo,”+ Yehowa asɛm ni.’” 24  “Semaia+ a ofi Nehelam nso, ka kyerɛ no sɛ, 25  ‘Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: “Wode nkrataa+ akɔmoma nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania,+ ne asɔfo no nyinaa wɔ wo din mu sɛ, 26  ‘Yehowa na wayɛ wo ɔsɔfo asi ɔsɔfo Yehoiada ananmu, sɛ bɛyɛ ɔpanyin wɔ Yehowa fie,+ na ɔbarima biara a obedi abɔdansɛm+ na ɔbɛyɛ ne ho sɛ odiyifo no, kyere no fa ne nan ne ne nsa bɔ dua mu;+ 27  enti adɛn na monkaa Yeremia a ofi Anatot+ a wayɛ ne ho sɛ mo diyifo no anim?+ 28  Ɛno nti na wasoma aba yɛn nkyɛn Babilon ha sɛ: “Ɛbɛkyɛ! Munsisi afie na montenatena mu, na monyɛ nturo na munni emu aba,+​—”’”’” 29  Ɛnna ɔsɔfo Sefania+ kenkan krataa yi odiyifo Yeremia asom. 30  Afei Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 31  “Soma kɔka kyerɛ atukɔfo no nyinaa+ sɛ, ‘Nea Yehowa aka wɔ Semaia a ofi Nehelam ho ni: “Esiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm bere a mensomaa no, na ɔpɛ sɛ mode mo ho to nkontompo so nti,+ 32  nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, meredan m’ani aba Semaia+ a ofi Nehelam ne n’asefo so.’+ “‘“‘Ɔrennya obusuani a ɔbɛtena ɔman yi mu,+ na ɔremfa n’ani nhu papa a mereyɛ me man no,’+ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ wakasa atuatew so atia Yehowa.’”’”+

Ase Hɔ Nsɛm