Yeremia 3:1-25

3  Wɔka sɛ: “Sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere, na ɔbea no fi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforo yere a, ɔbarima no betumi akɔ ne nkyɛn bio anaa?”+ Ɛnyɛ efĩ+ na wɔde aka asase no anaa? “Nanso wo de, wo ne adɔfo pii na abɔ aguaman;+ wubetumi asan aba me nkyɛn bio?”+ Yehowa asɛm ni.  “Ma w’ani so kyerɛ akwan so na hwɛ.+ Ɛhe na wɔne wo nnae?+ Akwan nkyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ Arabiani a ɔte sare so,+ na wode w’aguamammɔ ne wo bɔne+ agu asase no ho fĩ.  Ɛno nti wɔasiw asusow kwan,+ na adonsu nso ntɔe.+ Wo moma so te sɛ ɔbea guamanfo de, na wunnim aniwu.+  Afei de, wofrɛ me sɛ, ‘Me papa,+ me mmabaabere+ mu adamfo ne wo!  Wode bɛhyɛ wo mu akosi daa, na w’ani bedi yɛn bɔne akyi akosi daa?’+ Hwɛ, woakasa, nanso woyɛ nneɛma bɔne a wubetumi nyinaa.”+  Na Yehowa ka kyerɛɛ me wɔ Ɔhene Yosia+ nna no mu sɛ: “‘Woahu nea mmaratoni Israel ayɛ yi?+ Ɔkɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so+ ne dua kusuu+ biara ase kɔbɔ aguaman wɔ hɔ.+  Nea ɔyɛe yi nyinaa akyi no, meka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan mmra me nkyɛn, nanso wansan amma,+ na Yuda hwɛɛ ne nuabea+ okontomponi no ara.  Mihuu saa no, mmaratoni Israel awaresɛe nti migyaa no aware,+ na memaa no awaregyae krataa,+ nanso ne nuabea okontomponi Yuda ansuro; ɔno nso kɔe kɔbɔɔ aguaman.+  Ɔbɔɔ aguaman na wammu no hwee, na oguu asase no ho fĩ daa,+ na ɔne abo ne nnua sɛee aware.+ 10  Eyi nyinaa akyi no, ne nuabea okontomponi Yuda amfa ne koma nyinaa+ ansan amma me nkyɛn, na mmom ɔbɛdaadaa me,’+ Yehowa asɛm ni.” 11  Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Mmaratoni Israel akyerɛ sɛ ne kra teɛ koraa sen okontomponi Yuda.+ 12  Kɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ atifi+ famfo sɛ: “‘“San bra, O ɔkobɔfo Israel,” Yehowa asɛm ni.’+ ‘“Meremmuna m’anim nkyerɛ mo bio,+ efisɛ meyɛ ɔnokwafo,”+ Yehowa asɛm ni.’ ‘“Meremfa nhyɛ me mu nkosi daa.+ 13  Mo amumɔyɛ no na munhu, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na moafom no.+ Na mofaa akwan bebree so kɔɔ ananafo+ nkyɛn wɔ nnua kusuu nyinaa ase,+ na me nne de, moantie,” Yehowa asɛm ni.’” 14  “Monsan mmra, O mma akobɔfo,”+ Yehowa asɛm ni. “Efisɛ mene mo kunu,+ na mɛfa mo, kurow biara mu onipa biako ne abusua biara mu nnipa baanu, na mede mo aba Sion.+ 15  Na mɛma mo nguanhwɛfo sɛnea me koma pɛ,+ na wɔde nimdeɛ ne nhumu bɛyɛn mo.+ 16  Na ɛbɛba sɛ mobɛdɔɔso na moasow aba asase no so saa nna no mu,” Yehowa asɛm ni.+ “Wɔrenka bio sɛ, ‘Yehowa apam adaka!’+ Ɛremma komam na wɔrenkae bio+, wɔn ani rennyina no, na wɔrenyɛ bio. 17  Saa bere no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahengua,+ na ɛhɔ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abehyia+ ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenni wɔn atuatew koma bɔne no akyi bio.”+ 18  “Yuda fie ne Israel fie+ bɛbɔ anan+ anantew saa nna no mu, na wɔn baanu befi adi afi atifi asase so akɔ asase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapade no so.+ 19  Me na maka sɛ, ‘Hwɛ sɛnea mede mo fraa mma mu na mede asase pa+ no maa mo, agyapade fɛfɛ a amanaman bebree ani bere no! Mesan kae sɛ, ‘Mobɛfrɛ me sɛ, “M’agya!”+ na morensan mfi m’akyi bio.’ 20  ‘Ampa ara, sɛnea ɔyere twa nkontompo fi ne hokafo+ akyi no, saa na mo Israel fie, mo ne me adi no nkontompo so,’+ Yehowa asɛm ni.” 21  Akwan so na wɔate nnyigyei bi, Israel mma su ne wɔn nkotɔsrɛ, efisɛ wɔakyea wɔn akwan;+ wɔn werɛ afi Yehowa wɔn Nyankopɔn.+ 22  “Monsan mmra, mma akobɔfo,+ na mɛsa mo akobɔ no.”+ “Yɛn ni! Yɛaba wo nkyɛn, efisɛ wo Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn.+ 23  Ampa ara, nkoko ne mmepɔw so+ gyegyeegye yɛ ɔkwa.+ Ampa ara, Yehowa yɛn Nyankopɔn ne Israel nkwagye.+ 24  Nanso aniwude+ no adi nea yɛn agyanom brɛ hwehwɛe fi yɛn mmofraase no, wɔn nguan ne wɔn anantwi, wɔn mmabarima ne wɔn mmabea. 25  Yɛn aniwu+ mu na yɛda na yɛn animguase kata yɛn ho daa;+ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne,+ yɛne yɛn agyanom, fi yɛn mmofraase besi nnɛ,+ na yɛantie Yehowa yɛn Nyankopɔn nne.”+

Ase Hɔ Nsɛm