Yeremia 30:1-24

30  Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn ni:  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Kyerɛw nsɛm a mɛka akyerɛ wo no nyinaa wɔ nhoma mu.+  “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfo no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm ni.’”  Eyi ne nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israel ne Yuda.  Nea Yehowa aka ni: “Yɛate ahopopo nne ne akomatusɛm;+ asomdwoe biara nni hɔ.  Mummisa ɛ, na munhu, sɛ awo tumi ka ɔbarima anaa. Dɛn nti na mihu sɛ ɔbarima biara nsa si n’asen sɛ ɔbea a awo aka no,+ na obiara anim ayɛ fitaa yi?+  O! Ɛda no yɛ da kɛse,+ na ebi mmae da.+ Ɛyɛ ahohia bere ma Yakob.+ Nanso wobegye no afi mu.”  “Na ɛda no,” asafo Yehowa asɛm ni, “mebubu kɔndua no mu afi wɔn kɔn ho, na wɔn nhama nso, mɛtetew mu,+ na ananafo remfa wɔn nyɛ nkoa mma wɔnsom wɔn bio.  Na wɔbɛsom Yehowa, wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid+ a mɛma no so ama wɔn no.”+ 10  “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm ni, “na mmɔ hu, O Israel,+ efisɛ megye wo afi akyirikyiri na magye wo mma afi asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ so no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+ 11  “Midi w’akyi, na megye wo,”+ Yehowa asɛm ni, “na mɛma aman a mabɔ wo ahwete so no nyinaa adan amamfõ.+ Na wo de, merensɛe wo,+ nanso mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata, na meremma womfa wo ho nni.”+ 12  Nea Yehowa aka ni: “Wo kuru ayɛ akisikuru;+ wɔsa w’apirakuru a, ɛnsa.+ 13  Obiara nni hɔ a obedi ama wo, wo kuru no ho.+ Wɔsa a, ɛnyɛ yiye, na wɔkyekyere ma wo nso a, ɛnyɛ yiye.+ 14  W’adɔfo nyinaa werɛ afi wo.+ Ɛnyɛ wo na wɔhwehwɛ w’akyi kwan. W’amumɔyɛ+ bebrebe nti, ɔtamfo abaa na mede ahwe wo,+ na otirimɔdenfo+ asotwe na mede atwe w’aso; wo bɔne adɔɔso.+ 15  Dɛn nti na wo kuru+ nti, wusũ? W’amumɔyɛ bebrebe nti, wo yaw renkɔ da; wo bɔne adɔɔso.+ Me na mayɛ wo saa. 16  Ɛno nti, wɔn a wɔsɛe wo nyinaa, wɔbɛsɛe wɔn,+ na w’atamfo nso, nkoasom mu na wɔn nyinaa bɛkɔ.+ Wɔn a wɔfow wo nyinaa, wɔbɛfow wɔn, na wɔn a wɔsesaw wo nneɛma nso, mɛma wɔasesaw wɔn nyinaa nneɛma.”+ 17  “Mɛma wo ho atɔ wo na masa w’apirakuru no,”+ Yehowa asɛm ni. “Efisɛ wɔfrɛɛ wo ɔbea a wɔapam no+ na wɔkae sɛ: ‘Sion a obiara nhwehwɛ n’akyi kwan no ni.’”+ 18  Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntamadan mu atukɔfo no ano+ na mahu ne ntamadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekye kurow no asi ne bepɔw no+ so, na abantenten no besi ne sibea bio.+ 19  Na aseda ne wɔn a wɔreserew nne befi wɔn mu aba.+ Mɛma wɔadɔɔso, na wɔrenyɛ kakraa bi;+ mɛma wɔadɔre pii, na wɔrenyɛ ketewaa bi.+ 20  Ne mma bɛyɛ sɛ tete mmere no, na n’asafo betim m’anim.+ Mɛdan m’ani akɔ ne nhyɛsofo nyinaa so.+ 21  Ne mu na ne tumfoɔ befi aba,+ na ne mu na ne sodifo befi aba;+ mɛma wabɛn na waba me nkyɛn.”+ “Afei, hena ne nea wasi ne bo sɛ ɔbɛba me nkyɛn yi?”+ Yehowa asɛm ni. 22  “Mobɛyɛ me man+ na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.”+ 23  Hwɛ! Yehowa ahum, n’abufuw no, atu, mframa a edi kyinhyia+ no. Ebetwa ne ho abɔnefo atifi.+ 24  Yehowa abufuhyew no rensan kosi sɛ ɔbɛyɛ ne komam nsusuwii na wama aba mu.+ Awiei nna no mu no, mode mo adwene bɛkɔ so.+

Ase Hɔ Nsɛm