Yeremia 33:1-26

33  Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn ne mprenu so bere a ɔda so da Awɛmfo Aban+ mu hɔ no sɛ:  “Nea Yehowa a ɔyɛɛ+ asase, Yehowa a ɔnwenee+ na ɔde tim hɔ pintinn+ a ne din ne Yehowa+ no, aka ni,  ‘Frɛ me, na megye wo so,+ na mɛka nsɛm akɛse ne nneɛma a wonte ase na wunnim akyerɛ wo.’”+  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka wɔ kurow yi mu afie ne Yuda ahene afie a mpempe ne nkrante nti, wɔadwiriw agu+ no ho ni;  wɔn na wɔreba ne Kaldeafo no abɛko, na ama nnipa a mekunkum wɔn m’abufuw ne m’abohuru+ mu na wɔn bɔne nyinaa nti mede m’ani behintaw kurow yi+ no afunu agugu baabiara,  ‘Hwɛ, merema wanya ahotɔ ne ahoɔden,+ na masa wɔn yare ayi asomdwoe a ɛboro so ne nokware adi akyerɛ wɔn.+  Na mɛsan de Yuda atukɔfo ne Israel atukɔfo no aba,+ na mɛsan ama wɔn so asi hɔ sɛ kan no.+  Medwira wɔn ho afi wɔn mfomso a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomso a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde ato me mmara no nyinaa bɛkyɛ wɔn.+  Na kurow no bɛyɛ ahurusi din ama me,+ ne ayeyi ne ade fɛfɛ ama asase so aman a wɔbɛte adepa a mɛyɛ ama wɔn no nyinaa.+ Na adepa ne asomdwoe a mɛma wɔanya nti,+ aman no koma betu+ na wɔn ho awosow.’”+ 10  “Nea Yehowa aka ni, ‘Kurow yi a muse ayɛ akurofõ a onipa ne afieboa nni ha bio, Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn a adeda mpan+ a onipa ne afieboa nte hɔ no, wɔbɛsan ate+ 11  ahosɛpɛw nne, ahurusi nne,+ ayeforokunu ne ayeforo nne, ne ɛnne a ɛbɛka sɛ: “Monkamfo asafo Yehowa, na Yehowa ye,+ na n’adɔe wɔ hɔ daa!”’+ “‘Wɔde aseda afɔre bɛba Yehowa fie,+ efisɛ mɛsan de asase no so atukɔfo aba sɛ kan no,’+ Yehowa asɛm ni.” 12  “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Ɔman a adan amamfõ a onipa ne afieboa mpo nni mu bio+ yi ne ne nkurow nyinaa mu no, nguanhwɛfo benya adidibea ama wɔn mmoa adeda hɔ.’+ 13  “‘Mmepɔw so nkurow ne nkurow a ɛdeda fam+ ne anafo nkurow+ ne Benyamin+ asase ne Yerusalem+ ho nkurow ne Yuda nkurow+ mu no, nguan bɛsen afa nea ɔkan wɔn no nsa ase+ bio,’ Yehowa asɛm ni.” 14  “‘Hwɛ! Nna bi reba,’+ Yehowa asɛm ni, ‘na mɛyɛ adepa a maka+ wɔ Israel fie+ ne Yuda fie ho no. 15  Saa nna no ne saa bere no, mɛma trenee duforo+ bi afifi ama Dawid, na obebu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase no so.+ 16  Nna no mu no, wobegye Yuda,+ na Yerusalem bɛtena ase dwoodwoo.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne, Yehowa Ne Yɛn Trenee.’”+ 17  “Na nea Yehowa aka ni, ‘Obusuani a ɔbɛtena Israel fie ahengua so remmɔ Dawid.+ 18  Na Lewifo, asɔfo no nso, ɔbarima a obegyina m’anim abɔ ɔhyew afɔre ahyew aduan afɔre na wabɔ afɔre daa remmɔ wɔn.’”+ 19  Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bio sɛ: 20  “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mubetumi asɛe me ne adekyee apam ne me ne adesae apam, na adekyee ne adesae amma wɔ bere ano a,+ 21  ɛnde me nso metumi abu me ne m’akoa Dawid ntam apam no so+ na wannya ɔba a ɔbɛtena n’ahengua so adi hene;+ saa ara na ɛte wɔ Lewifo, asɔfo a wɔsom me+ no fam. 22  Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo, na wontumi nsusuw mpoano anhwea no,+ saa na mɛma m’akoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔsom me+ no adɔre.’” 23  Na Yehowa asɛm san baa Yeremia nkyɛn sɛ: 24  “Wunhuu nea ɔman yi aka yi sɛ, ‘Mmusua abien a Yehowa apaw wɔn no,+ ɔbɛpo wɔn’ anaa? Wɔabu me man animtiaa,+ na anyɛ ɔman bio wɔn anim. 25  “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ ɛnyɛ ampa sɛ me ne adekyee ne adesae ayɛ apam,+ na mahyehyɛ mmara ama ɔsoro ne asase+ a, 26  ɛnde anka mɛpo Yakob ne m’akoa Dawid asefo,+ na meremfa n’asefo mu nnipa nni Abraham ne Isak ne Yakob asefo so. Mɛboaboa wɔn atukɔfo no ano,+ na mehu wɔn mmɔbɔ.’”+

Ase Hɔ Nsɛm