Yeremia 34:1-22

34  Yehowa asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn bere a Babilon hene Nebukadresar+ ne n’asraafodɔm+ nyinaa ne asase so ahenni a ɛhyɛ ne nsa+ nyinaa ne aman nyinaa ne Yerusalem ne ne nkurow+ nyinaa bɛkoe no ni:  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ mede kurow yi bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde ogya ahyew.+  Na wo nso worentumi nguan mfi ne nsam, efisɛ wɔbɛkyere wo, na wɔde wo ahyɛ ne nsam.+ Wode w’aniwa behu Babilon hene anim+ na ɔne wo bɛkasa ano ne ano, na wobɛkɔ Babilon.’  Nanso tie Yehowa asɛm, Yuda hene Sedekia,+ ‘Nea Yehowa aka afa wo ho ni: “Worenwu nkrante ano.  Asomdwoe mu na wubewu,+ na sɛnea wɔhyew aduhuam maa w’agyanom, kyerɛ sɛ, kan ahene a wodii w’anim no,+ saa ara na wɔbɛhyew+ ama wo, na wobesu+ wo aka sɛ ‘O yɛn wura!+ Na asɛm yi, me na maka,’ Yehowa asɛm ni.”’”’”  Na odiyifo Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa+ kyerɛɛ Yuda hene Sedekia wɔ Yerusalem;  saa bere no, na Babilon hene asraafodɔm ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka nyinaa,+ Lakis+ ne Aseka+ redi ako; eyinom ne nkurow a wɔabɔ ho ban+ a na aka, Yuda nkurow mu.+  Asɛm a edi so yi na efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a Ɔhene Sedekia ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ apam sɛ wɔbɛpae ahofadi ama wɔn no,+  na obiara ama n’akoa ne n’afenaa, Hebrini+ barima anaa Hebrini bea afa ne ho adi, na wamfa ne nua Yudani anyɛ akoa bio.+ 10  Enti mpanyimfo+ no nyinaa tiei, na ɔman no mufo a wɔyɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔn nkoa ne wɔn mfenaa afa wɔn ho adi na wɔanyɛ wɔn nkoa bio no nyinaa nso tiei, na wogyaagyaa wɔn ma wɔkɔe.+ 11  Nanso ɛno akyi no, wɔdan wɔn ho+ kɔfaa nkoa ne mfenaa a wogyaa wɔn no san bae de wɔn bɛyɛɛ nkoa ne mfenaa+ bio. 12  Ɛno nti Yehowa asɛm fi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Me na me ne mo agyanom yɛɛ apam+ da a mede wɔn fi Egypt asase so,+ nkoafie+ hɔ, reba no sɛ: 14  “Sɛ wɔtɔn wo nua+ Hebrini+ ma wo,+ na ɔsom wo mfe asia a, afe a ɛto so ason no, gyaa no ma ɔnkɔ; ma omfi wo nkyɛn mfa ne ho nkodi.” Nanso mo agyanom antie me, na wɔanyɛ aso.+ 15  Na mo de, ɛnnɛ moadan mo ho ayɛ nea ɛteɛ m’ani so, na obiara apae ahofadi akyerɛ ne yɔnko, na moayɛ apam m’anim,+ ofie a me din da so+ no mu. 16  Nanso moasan adan+ mo ho agu me din+ ho fĩ, na obiara akɔfa n’akoa ne n’afenaa a ogyaa no sɛ ɔmfa ne ho nkodi sɛnea wɔn kra pɛ no, na moasan de wɔn abɛyɛ mo nkoa ne mo mfenaa.’+ 17  “Ɛno nti, nea Yehowa aka ni, ‘Mo nso muntiee me, na mompaee ahofadi+ sɛ obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko afa ne ho akodi. Hwɛ, merepae ahofadi+ ama mo,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mede mo rema nkrante+ ne owuyare+ ne ɔkɔm,+ na meyi mo ama ma asase so ahenni nyinaa awosow.+ 18  Na mmarima a wɔato m’apam+ na wɔanni apam a wɔyɛe wɔ m’anim no mu nsɛm so bere a wɔpaee nantwi ba mu abien+ sɛ wɔbɛfa n’afaafa ntam+ no, 19  kyerɛ sɛ, Yuda mpanyimfo ne Yerusalem mpanyimfo+ ne ahemfie mpanyimfo ne asɔfo ne asase no sofo a wɔfaa nantwi ba a wɔapae mu no ntam no​— 20  mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra+ no nsa, na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.+ 21  Na mede Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanyimfo bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa ne Babilon hene+ asraafodɔm a wɔrefi mo ho akɔ+ no nsa.’ 22  “‘Hwɛ, merehyɛ,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mede wɔn bɛsan aba kurow yi so bio,+ na wɔne mo abɛko afa na wɔde ogya ahyew;+ mɛma Yuda nkurow adan amamfõ a obi nte mu.’”+

Ase Hɔ Nsɛm