Yeremia 35:1-19

35  Asɛm a efi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no nna no mu ni:  “Kɔ Rekabfo+ no fie, na wo ne wɔn nkɔkasa na fa wɔn bra Yehowa fie adidibea no biako mu, na ma wɔn nsã nnom.”  Ɛnna mefaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mmabarima nyinaa ne Rekabfo fie mma no nyinaa,  na mede wɔn baa Yehowa fie hɔ, nokware Nyankopɔn nipa Hanan, Yigdalia ba no mma adidibea+ a ɛwɔ mpanyimfo no adidibea a ɛwɔ ɔpon ano hwɛfo Salum+ ba Maaseia adidibea atifi nkyɛn hɔ no mu.  Ɛnna mede nkuruwa a nsã ayeyɛ no amaama ne nkora sisii Rekabfo fie mma no anim, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnom nsã.”  Na wɔkae sɛ: “Yɛrennom nsã biara, efisɛ yɛn agya Rekab+ ba Yonadab hyɛɛ yɛn sɛ, ‘Monnnom nsã biara; mo ne mo mma nyinaa nnnom bi da.+  Munnsisi afie, na munnnua aba biara; monnyɛ bobeturo biara, na mommfa nnyɛ mo de. Ntamadan mu na montena mo nna nyinaa na moatena ase akyɛ asase a moyɛ ahɔho wɔ so no so.’+  Enti yɛatie yɛn agya Rekab ba Yehonadab, nea ɔhyɛɛ+ yɛn no nyinaa mu, na yɛnnom nsã biara yɛn nna nyinaa mu, yɛne yɛn yerenom ne yɛn mmabarima ne yɛn mmabea,+  na yensisii afie bi ntenaa mu na yenni bobeturo anaa asase anaa aba bi. 10  Yɛtete ntamadan mu; yɛatie na yɛayɛ nea yɛn agya Yonadab+ hyɛɛ yɛn no nyinaa.+ 11  Nanso bere a Babilon hene Nebukadresar tu baa asase yi so+ no, yɛkae sɛ, ‘Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem, Kaldea asraafodɔm ne Siria asraafodɔm no nti, na yɛnkɔtena Yerusalem.’”+ 12  Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13  “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Kɔ na kobisa Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: “Mantu mo fo daa sɛ muntie m’asɛm?”+ Yehowa asɛm ni. 14  “Rekab+ ba Yehonadab asɛm a ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsã biara no, wɔadi so na wɔnnom nsã de besi nnɛ, na wɔadi wɔn agya ahyɛde so.+ Me de, mekasa kyerɛɛ mo, mesɔree anɔpahema kasa kyerɛɛ mo,+ nanso moantie me.+ 15  Mesomaa me nkoa adiyifo+ no nyinaa baa mo nkyɛn daa; mesɔree anɔpahema somaa wɔn sɛ, ‘Obiara nsan mfi ne kwammɔne so+ na momma mo nneyɛe nyɛ yiye,+ na munnkodi anyame foforo akyi nnsom wɔn.+ Na montena asase a mede maa mo agyanom no so daa.’+ Nanso moammrɛ mo aso ase, na moantie me.+ 16  Rekab+ ba Yehonadab mma no adi wɔn agya ahyɛde a ɔhyɛɛ wɔn no so,+ nanso ɔman yi de, wɔantie me.”’”+ 17  “Enti nea Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Hwɛ, mmusu a maka atia Yuda ne Yerusalemfo nyinaa no, mede ne nyinaa bɛba wɔn so,+ efisɛ mekasa kyerɛɛ wɔn, na wɔantie; mefrɛɛ wɔn daa, nanso wɔannye me so.’”+ 18  Na Yeremia ka kyerɛɛ Rekabfo fie mma no sɛ: “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Sɛ́ moatie mo agya Yehonadab+ ahyɛde na moda so di n’ahyɛde nyinaa so na moyɛ nea ɔhyɛɛ mo nyinaa+ nti, 19  nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Onipa a obegyina+ m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm