Yeremia 36:1-32

36  Ɛbae sɛ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛto so anan mu no, Yehowa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn sɛ:  “Fa nhoma+ mmobɔwee, na nsɛm+ a maka akyerɛ wo a etia Israel ne Yuda+ ne aman no nyinaa+ fi da a me ne wo kasae, fi Yosia bere so besi nnɛ+ no, kyerɛw ne nyinaa hyɛ mu.  Ebia Yuda fie betie mmusu a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so+ no nyinaa, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so,+ na mede wɔn mfomso ne wɔn bɔne akyɛ wɔn.”+  Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk,+ sɛ Baruk nkyerɛw Yehowa nsɛm a waka akyerɛ Yeremia no nyinaa mfi n’anom ngu nhoma+ mmobɔwee no so.  Na Yeremia hyɛɛ Baruk sɛ: “Me de, wɔato me mu. Mintumi nkɔ Yehowa fie+ hɔ.  Na wo de, kɔ hɔ, ɛda a wodi mmuada,+ na Yehowa nsɛm+ a ɛwɔ m’anom a woakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee no mu no, kɔkenkan no den gu ɔman no asom, Yehowa fie hɔ, na Yudafo a wofi wɔn nkurow mu ba hɔ no nyinaa nso, kenkan no den gu wɔn asom.+  Ebia Yehowa betie wɔn nkotɔsrɛ,+ na wɔasan afi wɔn akwammɔne+ so efisɛ Yehowa abufuw ne n’abufuhyew a waka atia ɔman yi sõ.”+  Na Neria ba Baruk+ yɛe sɛnea odiyifo Yeremia hyɛɛ no no nyinaa, na ɔkenkan Yehowa nsɛm a ɛwɔ nhoma+ mmobɔwee no mu no den, Yehowa fie+ hɔ.  Na ɛbae sɛ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛto so anum, ɔsram a ɛto so akron+ mu no, wɔka maa Yerusalemfo nyinaa ne ɔman no mufo a wofi Yuda nkurow mu baa Yerusalem nyinaa bedii mmuada Yehowa anim.+ 10  Ɛnna Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no guu ɔman no nyinaa asom, Yehowa fie hɔ wɔ Safan+ ba ɔkyerɛwfo+ Gemaria+ adidibea+ a ɛwɔ atifi fam no adiwo hɔ, wɔ Yehowa fie pon foforo no ano.+ 11  Na Safan+ ba Gemaria ba Mikaia tee Yehowa nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no nyinaa. 12  Na osian kɔɔ ahemfie, kɔɔ ɔkyerɛwfo no adidibea hɔ, na hwɛ! ɛhɔ na na mpanyimfo no nyinaa tete, ɔkyerɛwfo Elisama+ ne Semaia ba Delaia+ ne Akbor+ ba Elnatan+ ne Safan+ ba Gemaria+ ne Hanania ba Sedekia ne mpanyimfo a aka no nyinaa. 13  Na nsɛm a Mikaia+ tee sɛ Baruk rekenkan no den fi nhoma no mu gu ɔman no asom no,+ ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn. 14  Ɛnna mpanyimfo no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi+ kɔɔ Baruk+ nkyɛn sɛ: “Nhoma mmobɔwee a wokenkan guu ɔman no asom no, fa kura wo nsam na bra.” Enti Neria ba Baruk faa nhoma no kuraa ne nsam de baa wɔn nkyɛn.+ 15  Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, tena ase na kenkan no den gu yɛn asom.” Enti Baruk+ kenkan no den guu wɔn asom. 16  Bere a wɔtee nsɛm yi nyinaa ara pɛ, wɔde akomatu hwehwɛɛ wɔn ho anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Yɛbɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ ɔhene.”+ 17  Na wobisaa Baruk sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, Woyɛɛ dɛn na wokyerɛw nsɛm yi nyinaa fii n’anom?”+ 18  Ɛnna Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔde n’ano na ɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, na me nso mede adubiri+ kyerɛw hyɛɛ nhoma yi mu.” 19  Na mpanyimfo no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Kɔ na kohintaw, wo ne Yeremia, na obiara anhu nea mowɔ.”+ 20  Afei wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn, adiwo+ hɔ, na wɔde nhoma no kɔhyɛɛ ɔkyerɛwfo Elisama+ adidibea+ hɔ, na wɔkaa nsɛm no nyinaa guu ɔhene asom. 21  Ɛnna ɔhene somaa Yehudi+ sɛ ɔnkɔfa nhoma no mmra. Enti ɔkɔfa fii ɔkyerɛwfo+ Elisama+ adidibea hɔ bae. Na Yehudi kenkan no den ɔhene ne mpanyimfo a wogyinagyina ɔhene ho no nyinaa asom. 22  Ná ɔhene te awɔw bere dan+ mu, ɔsram a ɛto so akron+ no mu, na ade a wɔasɔ mu gya+ si n’anim. 23  Bere a Yehudi kenkan nkrataa abiɛsa anaa anan no, ɔhene no de ɔkyerɛwfo sekan twitwaa mu, na ɔde guu ogya no mu kosii sɛ nhoma mmobɔwee no nyinaa hyew wɔ ogya no mu.+ 24  Wɔansuro,+ na ɔhene ne ne nkoa a wɔka ne ho a na wɔretie nsɛm yi nyinaa nso, obiara ansuan n’atade mu.+ 25  Elnatan+ ne Delaia+ ne Gemaria+ paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhyew nhoma mmobɔwee no, nanso wantie wɔn.+ 26  Afei ɔhene no hyɛɛ ɔhene ba Yerahmeel ne Asrel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔfa ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia+ mmra; nanso Yehowa de wɔn hintawee.+ 27  Na bere a ɔhene hyew nhoma no ne nsɛm a Baruk+ kyerɛw fii Yeremia anom akyi no, Yehowa asɛm baa Yeremia+ nkyɛn bio sɛ: 28  “San fa nhoma foforo, na kyerɛw kan nsɛm a na ɛwɔ kan nhoma no so a Yuda hene Yehoiakim hyewee+ no nyinaa wɔ so. 29  Na ka tia Yuda hene Yehoiakim sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Wo na woahyew nhoma+ yi na woaka sɛ, ‘Dɛn nti na woakyerɛw wom+ sɛ: “Babilon hene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre ɛso nnipa ne mmoa ase” no?’+ 30  Ɛno nti nea Yehowa aka atia Yuda hene Yehoiakim ni, ‘Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid ahengua so,+ na ne funu nso, wɔbɛtow akyene,+ na ɔhyew aka no awia, na awɔw afa so anadwo. 31  Na ɔno ne n’asefo ne ne nkoa amumɔyɛ+ nso, metua wɔn so ka,+ na mmusu a maka atia wɔn ne Yerusalemfo ne Yuda mmarima nyinaa, a wɔantie no,+ mede bɛba wɔn so.’”’”+ 32  Na Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo na ɔde maa Neria ba ɔkyerɛwfo+ Baruk, na ɔno nso kyerɛw nhoma a Yuda hene Yehoiakim de ogya+ hyewee no mu nsɛm fii Yeremia anom+ hyɛɛ mu, na ɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno kaa ho.

Ase Hɔ Nsɛm