Yeremia 38:1-28

38  Na Mattan ba Sefatia, ne Pasur ba Gedalia, ne Selemia ba Yukal,+ ne Malkiya+ ba Pasur tee nsɛm a Yeremia reka kyerɛ ɔman+ no nyinaa sɛ:  “Nea Yehowa aka ni, ‘Onipa a ɔbɛtena kurow yi mu no, ɔno na nkrante+ ne ɔkɔm+ ne owuyare+ bekum no. Na nea obefi adi akɔ Kaldeafo no nkyɛn de, obenya nkwa; obenya ne kra sɛ asade na watena nkwa mu.’+  Nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mede kurow yi bɛhyɛ Babilon hene asraafodɔm nsa, na ɔbɛfa.’”+  Na mpanyimfo no keka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma wonkum ɔbarima yi,+ efisɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ mmarima a wɔkɔ ɔsa a wɔaka wɔ kurow yi mu ne ɔman no nyinaa no rema wɔn nsam agow.+ Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoe na mmom mmusu.”  Enti Ɔhene Sedekia kae sɛ: “Hwɛ! Ɔwɔ mo nsam. Ɔhene ntumi nsiw mo kwan biribiara ho.”+  Na wɔfaa Yeremia tow no kyenee ɔhene ba Malkiya abura+ a ɛwɔ Awɛmfo Aban+ mu no mu. Wɔde ahama soo Yeremia mu gyaagyaa no too mu. Ná nsu nni abura no mu, na mmom atɛkyɛ, na Yeremia kowuraa atɛkyɛ no mu.+  Na Etiopiani+ Ebed-Melek a na ɔyɛ opiani a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura mu. Saa bere no, na ɔhene no te Benyamin Pon+ no ano.  Enti Ebed-Melek fii ahemfie hɔ ne ɔhene kɔkasae sɛ:  “O me wura ɔhene, mmarima yi ayɛ bɔne wɔ nea wɔde ayɛ odiyifo Yeremia no nyinaa mu sɛ wɔakɔtow no akyene abura mu, efisɛ ɔkɔm+ no nti, obewu+ wɔ hɔ. Aduan bi nni kurow yi mu bio.” 10  Ɛnna ɔhene hyɛɛ Etiopiani Ebed-Melek sɛ: “Fa mmarima aduasa wɔ ha di w’akyi, na munkoyi odiyifo Yeremia mfi abura no mu ansa na wawu.”+ 11  Enti Ebed-Melek faa mmarima a ɔda wɔn ano no, na wɔkɔɔ ahemfie adekoradan+ no ase kɔsesaw ntamagow ne ntama dedaw fii hɔ, na ɔde ahama susoo mu gyaa mu maa Yeremia wɔ abura+ no mu. 12  Ɛnna Etiopiani Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Fa ntamagow ne ntama dedaw yi hyehyɛ ahama no ase wɔ wo mmɔtoam.” Na Yeremia yɛɛ saa.+ 13  Enti wɔde nhama no twetwee Yeremia yii no fii abura no mu. Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfo Aban+ no mu. 14  Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa odiyifo Yeremia baa ne nkyɛn+ wɔ abobow ano kwan a ɛto so abiɛsa+ no so, Yehowa fie+ hɔ. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Merebisa wo asɛm bi. Mfa biribiara nsie me.”+ 15  Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Sɛ meka kyerɛ wo a, ɛnyɛ okum na wubekum me? Na sɛ mitu wo fo nso a, worentie.”+ 16  Afei Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam ahintawee mu sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔbɔɔ yɛn kra+ yi te ase yi, merenkum wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo kra no nsa.”+ 17  Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Nea Yehowa, asafo Nyankopɔn,+ Israel Nyankopɔn+ no aka ni, ‘Sɛ wubefi adi akɔ Babilon hene+ mpanyimfo nkyɛn de a, wo kra bɛtena nkwa mu, na wɔremfa ogya nhyew kurow yi, na wo ne wo fiefo nso bɛtena nkwa mu.+ 18  Na sɛ woamfi adi ankɔ Babilon hene mpanyimfo no nkyɛn a, ɛnde wɔde kurow yi bɛhyɛ Kaldeafo nsa, na wɔde ogya bɛhyew,+ na wo nso worentumi nguan mfi wɔn nsam.’”+ 19  Ɛnna Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Misuro Yudafo a wɔadan kɔ Kaldeafo no afã no;+ anhwɛ a wobeyi me ahyɛ wɔn nsa ma wɔayɛ me basabasa.”+ 20  Na Yeremia kae sɛ: “Wɔrenyɛ wo saa. Tie Yehowa asɛm a mereka kyerɛ wo yi, na ebesi wo yiye+ ma wo kra atena nkwa mu. 21  Na sɛ woamfi adi ankɔ wɔn nkyɛn a,+ nea Yehowa ayi akyerɛ me ni: 22  Hwɛ! mmea a wɔaka wɔ Yuda hene fie nyinaa,+ wɔde wɔn befi adi abrɛ Babilon hene mpanyimfo,+ na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔn a wɔne wo te asomdwoe mu no adaadaa wo,+ na wɔadi wo so.+Wɔama wo nan amem dontori mu; wɔde wɔn ani akyerɛ baabi foforo koraa.’+ 23  Wɔde wo yerenom ne wo mma nyinaa befi adi abrɛ Kaldeafo no, na wo nso, worentumi nguan mfi wɔn nsam.+ Babilon hene nsa beso wo mu, na wo nti, wɔde ogya bɛhyew kurow yi.”+ 24  Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mma obiara nnte asɛm yi ho hwee na woanwu. 25  Na ɛba sɛ mpanyimfo+ no te sɛ me ne wo akasa a, ebia wɔbɛba wo nkyɛn abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛsrɛ wo, ka asɛm a woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, mfa hwee nsie yɛn, na yɛrenkum wo. Dɛn na ɔhene ka kyerɛɛ wo?’ 26  Sɛ ɛba saa a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mede m’adesrɛ kɔtoo ɔhene anim sɛ ɔmmfa me nnkɔ Yehonatan+ fie hɔ bio na manwu wɔ hɔ.’” 27  Akyiri yi, mpanyimfo no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bebisabisaa no nsɛm. Na ɔno nso ne wɔn kasae sɛnea nsɛm a ɔhene hyɛe no nyinaa te.+ Enti wɔanka hwee bio n’anim, efisɛ obiara ante asɛm no. 28  Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfo Aban+ mu hɔ kosii da a wɔko faa Yerusalem.+ Ɛbaa mu bere a wɔfaa Yerusalem+ no.

Ase Hɔ Nsɛm