Yeremia 39:1-18

39  Yuda hene Sedekia afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du+ no, Babilon hene Nebukadresar ne n’asraafodɔm nyinaa baa Yerusalem so betwaa ho hyiae.+  Sedekia afe a ɛto so dubiako no mu, ɔsram a ɛto so anan, ɔsram no da a ɛto so akron na wobubuu kurow no afasu no.+  Na Babilon hene mpanyimfo yi nyinaa baa mu bɛtenatenaa Mfinimfini Pon+ no mu: Nergal-Sareser, Samgar-Nebo, Sarsekim, Rabsaris, Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag, ne Babilon hene mpanyimfo a aka nyinaa.  Na ɛbae sɛ bere a Yuda hene Sedekia ne mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa huu wɔn no, ntɛm ara na woguan+ fii kurow no mu anadwo kɔfaa afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pon no mu kɔe, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba.+  Ɛnna Kaldeafo asraafodɔm no tiw wɔn+ na wɔkɔkyeree Sedekia wɔ Yeriko+ tataw no so. Na wɔfaa no de no kɔmaa Babilon hene Nebukadresar wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so sɛ ommu no atɛn.+  Na Babilon hene kunkum+ Sedekia mmabarima n’anim+ wɔ Ribla, na Babilon hene kunkum Yuda mmapɔmma nyinaa nso.+  Na Sedekia nso, ɔbobɔɔ n’aniwa.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.  Na Kaldeafo no de ogya hyew ahemfie no ne ɔmanfo no afie,+ na wodwiriw Yerusalem afasu no nso gui.+  Ɔmanfo nkae a wogyaw wɔn wɔ kurow no mu ne wɔn a wɔdan kɔɔ n’afã ne nnipa a wɔaka no, awɛmfo so panyin+ Nebusaradan+ de wɔn kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+ 10  Na awɛmfo so panyin Nebusaradan gyaw asase no so mmɔborɔfo a wonni hwee no bi wɔ Yuda asase so.+ Ɛda no, ɔde bobe nturo maa wɔn, na wɔyɛɛ apaafo adwuma.+ 11  Afei nso Babilon hene Nebukadresar nam awɛmfo so panyin Nebusaradan so hyɛe wɔ Yeremia ho sɛ: 12  “Momfa no na momma mo ani nku ne ho, na monnyɛ no bɔne biara.+ Na nea ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ saa mma no.”+ 13  Ɛnna awɛmfo so panyin Nebusaradan+ ne Nebusasban a ɔyɛ Rabsaris, ne Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag ne Babilon hene atitiriw nyinaa somae; 14  wɔsoma kɔfaa Yeremia fii Awɛmfo Aban+ mu hɔ na wɔde no maa Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ sɛ ɔmfa no nkɔ ne fie na ɔnkɔtena nkurɔfo no mu. 15  Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bere a wɔde no toom wɔ Awɛmfo Aban+ mu no sɛ: 16  “Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-Melek+ sɛ, ‘Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Hwɛ, merema me nsɛm aba mu kurow yi so ma mmusu aba so, na ɛrensi wɔn yiye;+ ebesi w’anim saa da no.”’+ 17  “‘Ɛda no, megye wo,’+ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔremfa wo nhyɛ nnipa a wusuro wɔn no nsa.’+ 18  “‘Na ofi na mɛma woafi mu, na worentɔ nkrante ano; wubenya wo kra sɛ asade,+ efisɛ wode wo ho too me so,’+ Yehowa asɛm ni.”

Ase Hɔ Nsɛm