Yeremia 4:1-31

4  “Israel, sɛ wosan w’akyi a,” Yehowa asɛm ni, “me nkyɛn na san bra.+ Na sɛ me nti wuyi w’akyide no a,+ anka worenyɛ ɔkobɔfo bio.  Sɛ woka ntam sɛ,+ ‘Sɛ́ Yehowa te ase+ wɔ nokware ne atemmu ne trenee+ mu yi’ a, ɛnde ne mu na amanaman behyira wɔn ho na ne mu na wɔbɛhoahoa wɔn ho.”+  Nea Yehowa aka akyerɛ Yudafo ne Yerusalemfo ni: “Mumfuntum asase pa mfa, na munnnua wɔ nsɔe mu.+  Momma wontwa mo twetia mma Yehowa na muntwa mo koma twetia,+ mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo, na mo nneyɛe bɔne nti m’abufuw amfi adi sɛ ogya ammɛhyew a obiara nni hɔ a obedum no.”+  Monka wɔ Yuda, mommɔ no dawuru wɔ Yerusalem,+ momma wɔnte, monhyɛn abɛn asase no so baabiara.+ Monteɛm den, na monka sɛ: “Mommoaboa mo ano na yɛnkɔ nkurow a wɔabɔ ho ban no mu.+  Momma ahyɛnsode so nkyerɛ Sion fam. Mompɛ baabi nhintaw. Munnnyina hɔ.” Efisɛ mede amanehunu fi atifi+ fam reba, ɔsɛe kɛse.  Nea ɔrebɛsɛe amanaman+ no atu reba;+ wafi adi sɛ gyata a ofi dɔtɔ mu reba, na watu afi ne tenabea sɛ ɔrebɛyɛ w’asase ahodwiriwde, na wasɛe wo nkurow pasaa na obi antena mu bio.+  Eyi nti mumfura atweaatam,+ mommɔ abubuw na muntwa adwo,+ efisɛ Yehowa abufuhyew no nnan mfii yɛn so.+  “Na ɛda no,” Yehowa asɛm ni, “ɛbɛba sɛ ɔhene ne akunini koma betu,+ na asɔfo ho adwiriw wɔn, na adiyifo abɔ hu.”+ 10  Ɛnna mekae sɛ: “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Ampa ara woadaadaa+ ɔman yi ne Yerusalem sɛ wokae sɛ: ‘Mubenya asomdwoe,’+ nanso nkrante ato ɔkra.” 11  Saa bere no, wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: “Mframa a emu yɛ hyew afi sare so kwan+ so afa me man babea kwan so reba,+ ɛnyɛ nea ɛbɛpo so anaa ebehuw so. 12  Mframa a emu yɛ den paa fi hɔnom ara bɛba ama me. Afei na me nso mɛka atemmusɛm agu wɔn so.+ 13  Hwɛ! Ɔreforo ba sɛ omununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframaden.+ N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre.+ Yennue, efisɛ wɔasɛe yɛn awie! 14  Hohoro wo koma mu bɔne, Yerusalem, na wɔagye wo.+ Da bɛn na w’adwemmɔne bɛtena wo mu akosi?+ 15  Obi nne teɛm fi Dan,+ ɔrebɔ mmusu ho dawuru fi Efraim+ mmepɔw so. 16  Mommɔ din nkyerɛ amanaman; hwɛ, mommɔ dawuru ntia Yerusalem.” “Atɛwfo fi akyirikyiri asase so reba,+ na wɔrebɛma wɔn nne so atia Yuda nkurow. 17  Wɔasɔre atia no atwa ne ho ahyia+ sɛ mfuw so awɛmfo, efisɛ watew me so atua,”+ Yehowa asɛm ni. 18  “W’akwan ne wo nneyɛe no​—eyinom na wɔde betua wo ka.+ Eyi ne mmusu a ɛbɛba wo so, na ɛyɛ nwene, efisɛ ebedu wo koma ho.” 19  Me nsono mu oo, me nsono mu! Mete yaw me komam.+ Me koma repere wɔ me mu.+ Mintumi nyɛ komm, efisɛ me kra ate abɛn nnyigyei, ɔko torobɛnto.+ 20  Wɔteɛm sɛ, ɔsɛe abɔ ɔsɛe so, na wɔasɛe asase no nyinaa.+ Mpofirim na wɔasɛe me ntamadan,+ amonom na wɔasɛe me ntamadan ho ntama. 21  Enkosi da bɛn na mehu ahyɛnsode no na mate abɛn nnyigyei?+ 22  Efisɛ me man yɛ nkwaseafo.+ Wonnim me.+ Wɔyɛ mma a wonnim nyansa; wonni ntease.+ Wɔyɛ bɔne ho anyansafo, na papayɛ de, wonni ho nimdeɛ.+ 23  Mehwɛɛ asase no, na hwɛ! ada mpan na ayɛ amamfõ;+ mehwɛɛ ɔsoro nso, na ne hann nni hɔ bio.+ 24  Mehwɛɛ mmepɔw, na hwɛ! na ɛrewosow, na nkoko nyinaa nso rehinhim.+ 25  Mehwɛe, na hwɛ, ɔdesani biara nni hɔ, na wim nnomaa nyinaa nso atutu kɔ.+ 26  Mehwɛe, na hwɛ, turo asase no adan sare so, na wɔabubu ɛso nkurow nyinaa;+ Yehowa na ɔyɛe, n’abufuhyew nti na ɔyɛe. 27  Nea Yehowa aka ni: “Amamfõ na asase no nyinaa bɛdan.+ Merensɛe no pasaa anaa?+ 28  Ɛno nti asase no bedi awerɛhow,+ na ɔsoro beduru sum,+ efisɛ me na makasa, na me na madwen ho. Merennu me ho, na merensan mfi ho.+ 29  Apɔnkɔsotefo ne agyantofo dede nti kurow no nyinaa reguan.+ Wɔakɔhyehyɛ adɔtɔ mu na wɔafoforo abotan.+ Nkurow nyinaa adeda mpan, na ɔdesani biara nte mu bio.” 30  Wufuraa ɔtankɔkɔɔ, wode sika agude hyehyɛɛ wo ho, wode adubiri+ kekaa w’ani akyi ma w’aniwa yɛɛ akɛse. Afei a wɔasɛe wo awie yi, dɛn na wobɛyɛ? Womaa wo ho yɛɛ fɛ kwa.+ W’adɔfo apo wo; wo kra na wɔrehwehwɛ.+ 31  Mete nne a ɛte sɛ ɔbea yarefo de, mete ahohia a ɛte sɛ ɔbea a ɔrewo n’abakan de,+ Sion babea a ɔrepenepene nne. Watrɛw ne nsam sɛ:+ “Afei de minnue, efisɛ me kra abrɛ awudifo nsam!”+

Ase Hɔ Nsɛm