Yeremia 40:1-16

40  Asɛm fi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a awɛmfo so panyin Nebusaradan+ de no fi Rama+ kɔe no. Bere a ɔfaa no no, na wɔde aban nkawa agu ne nsa, na na ɔka Yerusalem ne Yuda nnommum a wɔde wɔn rekɔ nkoasom mu wɔ Babilon no nyinaa ho.+  Afei awɛmfo so panyin no faa Yeremia, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn no na ɔkaa mmusu yi tiaa ɔman yi,+  na Yehowa ama aba mu, na wayɛ nea ɔkae no, efisɛ moayɛ Yehowa bɔne, na moantie no ma asɛm yi ato mo.+  Na hwɛ! Ɛnnɛ, mayi aban nkawa a egu wo nsa no. Sɛ eye w’ani so sɛ wo ne me kɔ Babilon a, ma yɛnkɔ, na mɛma m’ani aku wo ho.+ Na sɛ enye w’ani so sɛ wo ne me kɔ Babilon a, ɛnde san. Hwɛ! Asase no nyinaa da w’anim. Baabiara a eye na ɛteɛ w’ani so sɛ wobɛkɔ no, kɔ.”+  Bere a onnya mmuae sɛ ɔbɛkɔ no, Nebusaradan kae sɛ: “San kɔ Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ a Babilon hene de no asi Yuda nkurow so no nkyɛn, na wo ne no ntena nkurɔfo no mu; anaa baabiara a eye w’ani so sɛ wobɛkɔ no, kɔ.”+ Na awɛmfo so panyin no maa no aduan ne akyɛde, na ɔma ɔkɔe.+  Enti Yeremia baa Ahikam ba Gedalia+ nkyɛn wɔ Mispa,+ na ɔne no tenaa nkurɔfo a wogyaw wɔn asase no so no mu.  Akyiri yi, asahene a wɔwɔ asase no so+ nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panyin, na wayɛ no panyin wɔ mmarima ne mmea ne mmofra nkumaa ne asase no so mmɔborɔfo a wɔamfa wɔn ankɔ Babilon nkoasom mu no so.+  Enti wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa; Netania ba Ismael,+ ne Karea mma Yohanan+ ne Yonatan, ne Tanhumet ba Seraia, ne Netofani+ Efai mma no, ne Maakatni+ no ba Yesania,+ ne wɔn mmarima na wɔbae.+  Ɛnna Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ kaa ntam+ kyerɛɛ wɔne wɔn mmarima no, na ɔkae sɛ: “Munnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafo no. Montena asase no so na monsom Babilon hene, na ebesi mo yiye.+ 10  Me de, mɛtena Mispa+ na magyina Kaldeafo a wɔbɛba yɛn nkyɛn no anim. Mo nso, mommoaboa bobesa+ ne ahohuru bere mu nnuaba ne ngo ano, na momfa ngu mo nneɛma mu, na montena mo nkurow a moagyigye no mu.” 11  Na Yudafo a na wɔwɔ Moab ne Ammonfo mu ne wɔn a wɔwɔ Edom ne nsase a aka no so nyinaa+ tee sɛ Babilon hene agyaw nnipa nkae bi ama Yuda, na ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia+ asi wɔn so. 12  Na Yudafo no nyinaa fii mmeae a wɔhwete kɔe nyinaa san bae, na wɔbaa Gedalia nkyɛn Yuda asase so wɔ Mispa.+ Na wɔboaboaa bobesa ne ahohuru bere mu nnuaba bebree ano. 13  Karea+ ba Yohanan+ ne asahene a wɔwɔ asase no so+ nyinaa baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. 14  Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wunnim sɛ Ammonfo+ hene Baalis asoma Netania+ ba Ismael+ sɛ ɔmmɛbɔ wo kra?” Nanso Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.+ 15  Ɛnna Karea ba Yohanan+ ka kyerɛɛ Gedalia ahintawee mu wɔ Mispa sɛ: “Mepɛ sɛ mikokum Netania ba Ismael, na obiara renhu.+ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɔ wo kra, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔaboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn no nyinaa hwete na Yuda nkae no ase tɔre?”+ 16  Nanso Ahikam+ ba Gedalia+ ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: “Nni saa asɛm yi, na asɛm a moreka fa Ismael+ ho no nyɛ nokware.”

Ase Hɔ Nsɛm