Yeremia 42:1-22

42  Ɛnna asahene no nyinaa ne Karea ba Yohanan+ ne Hosaia+ ba Yesania*+ ne nnipa no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so, twiw bɛnee,  na wɔka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: “Yɛde yɛn adesrɛ reto w’anim na woabɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ mpae ama yɛne nkaefo a wɔaka yi nyinaa, efisɛ yɛn ne kakraa bi a yɛaka wɔ nnipa bebree no mu+ sɛnea w’aniwa hu yɛn yi.  Ma Yehowa wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so ne nea yɛnyɛ.”+  Ɛnna odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mate. Hwɛ, mɛbɔ Yehowa mo Nyankopɔn mpae sɛnea moaka no,+ na asɛm biara a Yehowa de bebua mo no, mɛka akyerɛ mo.+ Meremfa asɛm biako mpo nsie mo.”+  Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Sɛ yɛanyɛ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn bɛsoma wo abɛka akyerɛ yɛn no pɛpɛɛpɛ+ a, Yehowa nyɛ yɛn nokware dansefo+ pintinn.  Sɛ papa oo, bɔne oo, Yehowa, yɛn Nyankopɔn a yɛasoma wo ne nkyɛn no na yebetie ne nne, na asi yɛn yiye, efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yetie no.”+  Na dadu akyi no, Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn.+  Enti ɔsoma kɔfrɛɛ Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho nyinaa ne nnipa no nyinaa bae, efi akumaa so kosi ɔkɛse so;+  ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto n’anim+ no aka ni, 10  ‘Sɛ mokɔ so tena asase yi so a,+ me nso mɛma mo so asi hɔ, na merennwiriw mo ngu; medua mo, na merentutu mo ase;+ ɛbɛyɛ me yaw sɛ mede mmusu aba mo so.+ 11  Munnsuro Babilon hene a ne ho hu atɔ mo so no.’+ “‘Munnsuro no,’+ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ meka mo ho, na megye mo na mayi mo afi ne nsam.+ 12  Na mehu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na wasan de mo akɔ mo asase so.+ 13  “‘Na sɛ moka sɛ: “Dabi, yɛrentena asase yi so!” na sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn nne,+ 14  na moka sɛ: “Dabi, Egypt asase so na yɛbɛkɔ,+ na ɛhɔ de, yɛrenhu ɔko, yɛrente abɛn nnyigyei, na yɛrenni aduankɔm, na ɛhɔ na yɛbɛtena”+ a, 15  ɛnde muntie Yehowa asɛm, O Yuda nkae. Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: “Sɛ mode si mo ani so sɛ Egypt na mobɛkɔ, na sɛ mokɔ kɔtena hɔ sɛ ahɔho ampa a,+ 16  ɛnde nkrante a musuro no, ɛno na ɛbɛtoa mo wɔ Egypt asase so,+ na ɔkɔm a musuro no, ɛno na ebedi mo akyi akɔ Egypt,+ na ɛhɔ na mubewuwu.+ 17  Na wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ Egypt akɔtena hɔ no, wɔn na wobewuwu nkrante ne ɔkɔm ne owuyare ano,+ na wɔn mu biara remfi mu nka na ɔrennya ne ti nnidi mu, mmusu a mede reba wɔn so no mu.”’+ 18  “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Sɛnea mahwie m’abufuw ne m’abufuhyew agu Yerusalemfo so no,+ saa ara na sɛ mokɔ Egypt a, mehwie m’abufuhyew agu mo so, na mobɛyɛ nnome ne ahodwiriwde ne ntanka ade ne ahohora,+ na morenhu ɛha yi bio.’+ 19  “Yehowa akasa akyerɛ mo, O Yuda nkae. Munntu mo nan nnsi Egypt.+ Ohu na munhu sɛ madi mo adanse nnɛ,+ 20  ɛne sɛ, moayɛ mo kra bɔne,+ efisɛ mo ara na mosomaa me kɔɔ Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ, ‘Bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na asɛm biara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka no, ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ.’+ 21  Mereka akyerɛ mo nnɛ, nanso morentie Yehowa mo Nyankopɔn nne ne nea ɔde asoma me mo nkyɛn no biara.+ 22  Enti afei munhu sɛ nkrante+ ne ɔkɔm ne owuyare ano na mubewuwu wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ sɛ ahɔho no.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɔno ara ne Yaasania wɔ 2Ah 25:23; Asaria wɔ Yer 43:2.