Yeremia 45:1-5

45  Asɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk+ bere a ɔkyerɛw nsɛm yi fii Yeremia anom+ hyɛɛ nhoma mu, Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no afe a ɛto so anan mu no ni:  “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka wɔ wo ho ni, O Baruk,  ‘Woka sɛ: “Minnue,+ efisɛ Yehowa de ɛyaw aka m’awerɛhow ho! Mabrɛ ne apinisi, na minni asetena pa bi.”’+  “Sɛɛ na ka kyerɛ no; ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ! Nea misii no, meredwiriw agu, na nea miduae no nso, meretutu, na ɛbɛba asase no nyinaa so.+  Nanso wo de, nneɛma akɛse na worehwehwɛ.+ Gyae hwehwɛ.”’+ “‘Na hwɛ, mede mmusu reba ɔhonam nyinaa so,’+ Yehowa asɛm ni, ‘na mede wo kra bɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.’”+

Ase Hɔ Nsɛm