Yeremia 46:1-28

46  Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn wɔ amanaman+ no ho ni.  Egypt+ de: Egypt hene Farao Neko+ asraafo a wɔwɔ asubɔnten Eufrate ho wɔ Karkemis+ a Babilon hene Nebukadresar dii wɔn so nkonim wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛto so anan mu no ho asɛm ni:  “Munsiesie nkatabo ne akyɛm akɛse na monkɔ ɔko.+  O apɔnkɔsotefo, munsiesie apɔnkɔ na montenatena so, na monhyehyɛ dade kyɛw nnyinagyina hɔ. Muntwiw mpeaw ho. Monhyehyɛ akotade.+  “‘Dɛn nti na mihu wɔn sɛ wɔabɔ hu yi? Wɔasan wɔn akyi, na wɔabobɔ wɔn nnɔmmarima pasaa; wɔaguan a wɔantwa wɔn ani.+ Ehu nko ara na atwa wɔn ho ahyia,’+ Yehowa asɛm ni.  ‘Mma ɔhoɔharefo nnyɛ sɛ ɔreguan, na mma ɔdɔmmarima nnyɛ n’adwene sɛ obefi hɔ akɔ.+ Wɔahintihintiw ahwehwe ase wɔ atifi+ fam, asubɔnten Eufrate ano.’+  “Hena na ɔreba sɛ Asubɔnten Nil ne nsubɔnten a emu nsu bu fa so yi?+  Egypt foro ba te sɛ Asubɔnten Nil,+ ɔba te sɛ nsubɔnten a emu nsu bu fa so.+ Na ɔka sɛ, ‘Mɛforo akɔ. Meyiri akata asase so. Mɛka me ho akɔsɛe kurow no ne emufo.’+  Apɔnkɔ, momforo nkɔ ɛ; nteaseɛnam, munnye bum! Momma nnɔmmarima mforo nkɔ, Kus+ ne Put+ mmarima a wokurakura akyɛm ne Ludim+ mmarima a wokurakura agyan na wokuntun mu no. 10  “Ɛda no yɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa da, aweredi da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were.+ Na nkrante bedi nam na ɛbɛnom wɔn mogya amee, na Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa bɛbɔ afɔre+ atifi fam asase no so, asubɔnten Eufrate+ ho. 11  “O ɔbaabun, Egypt babea,+ foro kɔ Gilead kɔpɛ balsam+ ngo. Woama wo nnuru adɔɔso kwa. Ayaresa bi nni hɔ mma wo.+ 12  Amanaman no ate w’animguase,+ na wo sũ ahyɛ asase no so ma.+ Ɔdɔmmarima hintiw ɔdɔmmarima so,+ na wɔn baanu nyinaa hwehwe ase.” 13  Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia wɔ Babilon hene Nebukadresar ho sɛ ɔbɛba abɛsɛe Egypt asase+ no ni: 14  “Monka wɔ Egypt, mommɔ dawuru wɔ Migdol,+ na mommɔ dawuru wɔ Nof+ ne Tapanes.+ Monka sɛ, ‘Gyina hɔ, na siesie wo ho,+ efisɛ nkrante bedi nam atwa wo ho ahyia.+ 15  Dɛn nti na wɔahohoro w’atumfoɔ kɔ yi?+ Wɔantumi annyina, efisɛ Yehowa na wapam wɔn.+ 16  Wama bebree ahintihintiw, na wɔahwehwe ase nso. Wɔkeka kyerɛ wɔn ho sɛ: “Sɔre, ma yɛnsan nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne yɛn abusuafo asase so, atirimɔden nkrante no nti.”’ 17  Ɛhɔ na wɔteɛm sɛ, ‘Egypt hene Farao ano yɛ den kwa.+ Wama afahyɛ bere atwam.’+ 18  “‘Sɛ́ mete ase yi,’ Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no asɛm ni,+ ‘sɛnea Tabor+ si mmepɔw mu na Karmel+ si po ho no, saa na ɔbɛba. 19  Hyehyɛ nkoasom nneɛma,+ O Egypt babea+ a wote kurow no mu. Na Nof+ bɛdan ahodwiriwde, na wɔde ogya bɛhyew, na obi rentena mu.+ 20  Egypt te sɛ nantwibere kumaa a ne ho yɛ fɛ paa. Atifi fam na ntontom befi aba ne so.+ 21  Asraafo a wabɔ wɔn paa a wɔabɛka wɔn ho no nso te sɛ anantwi mma+ a wɔadɔ srade. Wɔn nso adan wɔn ho abom aguan.+ Wɔantumi annyina,+ efisɛ wɔn amanehunu da aba wɔn so, wɔn akontaabu da no.’+ 22  “‘Ne nne te sɛ ɔwɔ a ɔtwe ne ho ase;+ mmarima de ahoɔden kɛse bɛba, na nkuma na wɔde bɛba ne so te sɛ wɔn a wobu nnua. 23  Wobebu ne kwae+ agu, efisɛ ɔkwan nna mu,’ Yehowa asɛm ni. ‘Wɔdɔɔso sen mmoadabi;+ wɔn dodow nni ano. 24  Egypt babea+ ani bewu. Wɔde no bɛhyɛ atifi famfo nsa.’+ 25  “Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka sɛ, ‘Hwɛ, mede m’ani resi Amon+ a ɔwɔ Noh+ no so, ne Farao so ne Egypt so ne n’anyame+ so ne n’ahene+ so, ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so+ nyinaa so.’ 26  “‘Na mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa; mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar+ ne ne nkoa nsa, na ɛno akyi no, nnipa bɛtena mu bio sɛ kan no,’+ Yehowa asɛm ni. 27  “‘Na wo, m’akoa Yakob, nsuro, na mma wo bo nntu, O Israel.+ Megye wo nkwa wɔ akyirikyiri, na magye w’asefo afi wɔn nkoasom asase so.+ Na Yakob bɛsan aba, na ne ho bedwo no na watena hɔ dwoodwoo a obiara renyi no hu.+ 28  Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,’ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ meka wo ho.+ Mɛhyew aman a mabɔ mo ahwete so no nyinaa ase,+ na wo de, merenhyew w’ase.+ Nanso mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata,+ na meremma womfa wo ho nni.’”+

Ase Hɔ Nsɛm